Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 3:16 - KYERƐW KRONKRON

16 sɛ omfi n’anuonyam ahonya mu mma momfa ne honhom so nnya tumi mu ahoɔden wɔ mo mu nipasu no mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 sɛ ɔmfiri n’animuonyam ahonya mu mma momfa ne honhom so nnya tumi mu ahoɔden wɔ mo mu nipa su no mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Mebɔ mpae sɛ omfi nʼanuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 sɛ ɔmfiri n’animuonyam ahonya mu mma momfa ne honhom so nnya tumi mu ahoɔden wɔ mo mu nipa su no mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Mebɔ mpaeɛ sɛ ɔmfiri nʼanimuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 sɛ omfi n’anuonyam ahonya mu mma momfa ne honhom so nnya tumi mu ahoɔden wɔ mo mu nipasu no mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 3:16
28 Iomraidhean Croise  

So tumi dodo na ɔde ne me bɛham? Daabi, aso nko na ɔbɛyɛ ama me.


Da a misu mefrɛe no, wugyee me so, wohyɛɛ me baninha ma me kra nyaa ahoɔden.


AWURADE ne nkurɔfo ahoɔden, nea wasra no no nkwagye aban ne no.


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, nso mɛboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.


Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, AWURADE asɛm ni, mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


Na mɛhyɛ wɔn den, Awurade mu, na ne din mu na wɔbɛnantew, Awurade asɛm ni.


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn fi bɔne mu. [Na wo na ahenni ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


na mmom Yudani pa ara ne nea ɔte saa wɔ ne mu, na twetiatwa pa ara ne nea wɔayɛ no komam wɔ honhom mu, na ɛnyɛ nea wɔakyerɛw mu, ɔno na n’ayeyi mfi nnipa, na mmom efi Nyankopɔn.


Na me mu nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho;


sɛ ɔbɛma wɔahu n’anuonyam ahonya nso, mmɔborohunu ade a wɔasiesie ama anuonyam no so a, wobɛka dɛn?


Monwɛn, munnyina gyidi mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.


na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M'adom no dɔɔso ma wo, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu. Enti mede anigye pii mɛhoahoa me ho me mmerɛwyɛ ho mmom, na Kristo ahoɔden abɛtena me so.


Eyi nti na yɛmpa abaw, na sɛ yɛn honam ani nipa resɛe mpo a, emu nohoa nipa no dan foforo daa daa.


na moate ase, na moahu ne frɛ anidaso no ne n’apɛgyade anuonyam ahonya wɔ ahotefo no mu.


Ɔno ankasa mu na yɛanya ogye a ɛnam ne mogya so, a ɛne mfomso fakyɛ no, wɔ n'adom bebree mu.


sɛ wiase a ɛreba no mu obeyi n'adom ahonya a ɛboro so no adi ayamye a ɔyɛ yɛn Kristo Yesu mu mu.


a wofi no mu frɛ abusua biara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa no,


Me a mene ahotefo nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufo,


Nea edi akyiri no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.


mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.


Na me Nyankopɔn bɛma mo nea ehia mo nyinaa, sɛnea n’ahonya no te, anuonyam mu, Kristo Yesu mu.


na ama wɔde tumi nyinaa ahyɛ mo den, sɛnea n’anuonyam tumidi te no, akɔ boasetɔ ne abodwokyɛre nyinaa mu, wɔ anigye mu


Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma n'ahotefo hu ahintasɛm yi anuonyam ahonya wɔ amanaman mu, a ɛne Kristo a ɔwɔ mo mu, anuonyam anidaso no.


sɛ wonnya nea ɛka wɔn koma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ biako ɔdɔ mu nnya ntease a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no mu.


Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman nyinaa ate; na woyii me gyata anom.


dum ogya tumi, guan nkrante ano, nyaa ahoɔmmerɛw mu ahoɔden, yɛɛ ɔko mu ahoɔdenfo, kaa ananafo mpasua gui.


na mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu. Ɛno na ne bo yɛ den Onyankopɔn anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan