Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Eyi nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufo

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Yei nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Me Paulo, mo amanamanmufo nti Kristo Yesu de me yɛɛ odeduani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Yei nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Me Paulo, mo amanamanmufoɔ enti, Kristo Yesu de me yɛɛ deduani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Eyi nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufo

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 3:1
30 Iomraidhean Croise  

Na nea edi eyinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa beso mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahene ne amradofo anim me din nti,


Ɛnna ɔsafohene no kɔ kosoo no mu, na ɔhyɛe sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn abien ngu no, na obisaa no onipa ko a ɔyɛ ne nea wayɛ.


Ɛnna ɔfaa no de no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kae sɛ: Ɔdeduani Paulo frɛɛ me srɛɛ me sɛ memfa aberante yi memmra wo nkyɛn, na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.


Na Paulo se: Anka mepɛ Onyankopɔn fam sɛ aka kakraa oo, aka bebree oo, ɛnyɛ wo nko, na mmom wɔn a wotie me nnɛ yi nyinaa nso nyɛ sɛ me ara, gye mpokyerɛ yi nko mu.


Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Anania sɛ: Kɔ ara, na oyi ne nea a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahene ne Israel mma anim.


Na sɛ woteetee yɛn a, ɛyɛ awerɛkyekye ne nkwagye ma mo, na sɛ wɔkyekye yɛn werɛ a, ɛyɛ awerɛkyekye ma mo; ɛno na edi dwuma boasetɔ mu, amane a yɛn nso yehu no ara mu.


Me Paulo ara na menam Kristo dwo a odwo ne n’ayamye so mitu mo fo, me a mewɔ mo nkyɛn a, meyɛ mmɔborɔfo wɔ mo mu, nanso minni mo nkyɛn a, meyɛ mo so kokodurufo.


Wɔyɛ Kristo asomfo? Meka no sɛ adammɔ, mekyɛn saa. Ɔbrɛ adwuma a ɛboro so mu, afiaseda a ɛboro so mu, ɔhwe a ɛtra so mu, owu amane a manya nhui mu.


Na me de, anuanom, sɛ meda so meka twetiatwasɛm a, anka adɛn na wɔda so taa me? Ɛnne na anka asɛnnua no hintidua no nni hɔ bio.


Hwɛ, me Paulo, mise mo sɛ wotwa mo twetia a, Kristo ho remma mfaso biara mma mo.


Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu de abɔ ɔhonam ne ne nhyɛsode ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu.


sɛnea ne tirim a ɔbɔe teteete yɛn Awurade Kristo Yesu mu no te no.


Enti mesrɛ sɛ mommpa abaw m’amane a mo nti mihu a ɛne mo anuonyam no mu.


Me a mene ahotefo nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufo,


Enti afei me, Awurade deduani, mitu mo fo sɛ, monnantew sɛnea ɛfata ɔfrɛ a wɔde afrɛ mo,


Ɛno ho bɔfo na meyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na mayɛ mu nnam, sɛnea ɛsɛ sɛ mekasa.


Ɛye ma me sɛ midwen saa fa mo ho, efisɛ moda m'akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Onyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne bere a migyina pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.


Afei m’ani gye amane a mihu mema mo no mu, na mehyɛ Kristo amanehunu, nea aka no ananmu, wɔ me honam mu mema ne nipadua a ɛyɛ asafo no


Me nkyia a me Paulo mede me nsa mekyerɛwee ni. Monkae me mpokyerɛ no. Adom nka mo nyinaa.


Na mommɔ mpae mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhiɛ asɛm no pon mma yɛn, na yɛaka Kristo ahintasɛm a enti meda afiase yi,


Awurade nhu Onesiforo fi mmɔbɔ, efisɛ ɔtaa huhuw me maa me ho dwoo me, na n’ani anwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho.


Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedi ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hu asɛmpa no ho amane bi, sɛnea Onyankopɔn ahoɔden te no.


Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni,


Epafra, me yɔnko deduani wɔ Kristo Yesu mu,


nanso ɔdɔ nti mesrɛ wo mmom, me, akora Paulo a seisei meyɛ Kristo Yesu deduani nso.


Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan