Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 2:5 - KYERƐW KRONKRON

5 ama yɛn a anka yɛyɛ awufo mfomso mu no ne Kristo anya nkwa, (adom na wɔde agye mo nkwa.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 ama yɛn a anka yɛyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ mu no ne Kristo anya nkwa, (adom na wɔde agye mo nkwa.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 maa yɛn nkwa wɔ Kristo mu, wɔ bere a anka yɛawuwu wɔ amumɔyɛ mu mpo; adom nti na wɔagye mo nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 ama yɛn a anka yɛyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ mu no ne Kristo anya nkwa, (adom na wɔde agye mo nkwa.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 maa yɛn nkwa wɔ Kristo mu, wɔ ɛberɛ a anka yɛawuwu wɔ amumuyɛ mu mpo; adom enti na wɔagye mo nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 ama yɛn a anka yɛyɛ awufo mfomso mu no ne Kristo anya nkwa, (adom na wɔde agye mo nkwa.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 2:5
20 Iomraidhean Croise  

efisɛ me ba yi wui, na wanyan bio; ɔyerae, na wɔahu no. Na wofii ase gyee wɔn ani.


Na sɛnea Agya no nyan awufo na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa.


Honhom ne nea ɛma nkwa, ɔhonam de, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.


Na Awurade Yesu dom so mmom na yegye di sɛ wɔnam begye yɛn nkwa, sɛ wɔn nso.


na asomdwoe Nyankopɔn no bɛpɛtɛw Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.


na wɔde n'adom nam ogye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn bem kwa.


Enti efi gyidi mu, sɛ emfi adom mu mmra, na bɔhyɛ no atim ama n'asefo no nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wofi mmara mu no nko, (na mmom wɔn a wofi Abraham a ɔyɛ yɛn nyinaa agya gyidi mu no nso bi,


Na sɛ, bere a yɛyɛ atamfo no, wɔnam ne ba no wu so apata yɛne Nyankopɔn ntam a, na afei mmom a wɔapata ama yɛn yi, wobegye yɛn nkwa mmoroso wɔ ne nkwa no mu.


Na yɛda so yɛ mmerɛw no, bere a ɛsɛ mu no, Kristo wu maa abusuyɛfo.


Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.


Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afi bɔne ne owu mmara no mu.


Awurade Yesu Kristo adom ne Nyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka mo nyinaa.


Na mo a anka moyɛ awufo wɔ mfomso ne bɔne mu,


Na adom na wɔde nam gyidi so agye mo nkwa, emfi mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde,


Enti na ose: Wo a woada, nyan, na sɔre fi awufo mu, na Kristo no bɛhyerɛn ama wo.


Na mo a anka moyɛ awufo, esiane mo mfomso ne mo honam a twetiatwa nni mu no nti, wama mo ne no nkwa bi, sɛ ɔnam adom so de mo mfomso nyinaa akyɛ yɛn,


Na Onyankopɔn adom a ɛde nkwagye ba ma nnipa nyinaa no ayi ne ho adi.


emfi trenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborohunu nti, na ɛma ɔnam awo foforo aguare ne Honhom Kronkron foforoyɛ so gyee yɛn nkwa.


Yɛn Awurade Yesu adom nka mo nyinaa.[ Amen.]


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan