Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 2:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Nanso Onyankopɔn a ne mmɔborohunu dɔɔso no nam ne dɔ bebree a ɔde dɔ yɛn no so

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Nanso Onyankopɔn a ne mmɔborɔhunu dɔɔso no nam ne dɔ bebree a ɔde dɔ yɛn no so

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nanso esiane nʼadɔeyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn nti, Onyankopɔn a nʼahummɔbɔ dɔɔso no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Nanso Onyankopɔn a ne mmɔborɔhunu dɔɔso no nam ne dɔ bebree a ɔde dɔ yɛn no so

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nanso, ɛsiane nʼadɔyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn enti, Onyankopɔn a nʼahummɔborɔ dɔɔso no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Nanso Onyankopɔn a ne mmɔborohunu dɔɔso no nam ne dɔ bebree a ɔde dɔ yɛn no so

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 2:4
34 Iomraidhean Croise  

Na wɔampɛ sɛ wotie, na wɔankae w’anwonwade a woyɛe wɔn mu no, na wosinsen wɔn kɔn, na wosii wɔn so panyin sɛ wɔresan akɔ Misraim wɔn anyadi no mu, wɔn atuatew no mu. Na wone fakyɛ Nyankopɔn, ɔdomfo ne mmɔborohunufo, woyɛ abufuw mu nyaa, na w’adɔe dɔɔso, na woannyaw wɔn.


AWURADE yɛ ɔdomfo ne mmɔborohunufo, abufuwyɛ mu nyaa ne adɔeyɛ mu kɛse.


Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔe te no, wo mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti popa me mmarato.


Na wo, Awurade, woyɛ Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfo, wo boasetɔ kyɛ, na w’adɔe ne wo nokware dɔɔso.


Na wo, Awurade, wuye, na wode kyɛ, na w’adɔe dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.


Na ose: Mɛma me papa nyinaa asen w'anim, na mɛpae me din YHWH (AWURADE) wɔ w'anim; na medom nea medom no, na mihu nea mihu no mmɔbɔ no mmɔbɔ.


Mɛbɔ AWURADE adɔeyɛ din, AWURADE ayeyide no, sɛ ɛfata nea AWURADE ne yɛn adi no nyinaa, na maka Israel fi yiye pii a ɔde ayɛ wɔn no, sɛ n’ayamhyehye ne n’adɔeyɛde dodow no te no.


AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ me fii teteete sɛ: Mede daa dɔ na adɔ wo, na ne saa nti, me nokwaredi ne wo wɔ hɔ.


AWURADE yɛn Nyankopɔn na mmɔborohunu ne fafiri wɔ no, na yɛatew n’anim atua,


Na obisaa sɛ: Ao, AWURADE! So ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase so no mekae ni? Eyi ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ mereguan makɔ Tarsis, efisɛ minim sɛ wo de, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfo ne mmɔborohunufo, wo bo kyɛ fuw na w’adɔe dɔɔso, na wosakra w’adwene wɔ mmusu a wode reba ho.


efi yɛn Nyankopɔn mmɔborohunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu. Ɛno nti na adekyee a efi soro abepue yɛn so,


Na nsonoe biara nni Yudani ne Helani ntam; efisɛ Awurade koro no ara na odi wɔn nyinaa so, na ɔwɔ ahonyade ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.


Anaasɛ wotew n’ayamye ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre mapa no ho tua a, wunnim sɛ Onyankopɔn ayamye de wo rekɔ adwensakra mu?


Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.


sɛ ɔbɛma wɔahu n’anuonyam ahonya nso, mmɔborohunu ade a wɔasiesie ama anuonyam no so a, wobɛka dɛn?


Ɔno ankasa mu na yɛanya ogye a ɛnam ne mogya so, a ɛne mfomso fakyɛ no, wɔ n'adom bebree mu.


sɛ wiase a ɛreba no mu obeyi n'adom ahonya a ɛboro so no adi ayamye a ɔyɛ yɛn Kristo Yesu mu mu.


Me a mene ahotefo nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufo,


Na yɛn de, mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, anuanom a Awurade dɔ mo, efisɛ Onyankopɔn afi mfiase ayi mo kɔ nkwagye mu, honhom ahotew ne nokware gyidi mu.


Na yɛn Awurade adom dɔɔso boroo so gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu.


Ɔno na wagye yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma nti, na mmom ne tirim agyina ne adom a wɔde adom yɛn Kristo Yesu mu fi teteete


Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo akɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan