Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 na kan no monantewee sɛnea wiase abrabɔ te ne sɛnea wim tumi no panyin no te, honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma, asoɔden mma mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 na akane no monantee sɛdeɛ wiase abrabɔ teɛ ne sɛdeɛ ewiem tumi no panin no teɛ, honhom a nnansa yi ɛyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 na anka mote mu, bere a na mudi wiase ne wim sodifo ahenni akyi no ne honhom a mprempren ɛreyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 na akane no monantee sɛdeɛ wiase abrabɔ teɛ ne sɛdeɛ ewiem tumi no panin no teɛ, honhom a nnansa yi ɛyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 na anka mote mu, ɛberɛ a na modi ewiase ne ewiem sodifoɔ ahennie akyi no ne honhom a seesei ɛreyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 na kan no monantewee sɛnea wiase abrabɔ te ne sɛnea wim tumi no panyin no te, honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma, asoɔden mma mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 2:2
64 Iomraidhean Croise  

Ɔno da so rekasa no, ɔfoforo bae bɛkae sɛ: Onyankopɔn gya fi soro atɔ abɛhyew nguan ne mmerante no, na asɛe wɔn, na me nko ara na mafi mu maba sɛ merebɛka makyerɛ wo.


na hwɛ, mframa kɛse fi sare so aba abɛbɔ ɔdan no twea anan no, na adwiriw agu mmerante no so ma wɔawuwu, na me nko ara na mafi mu sɛ merebɛka makyerɛ wo.


Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wufi bae yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mifi asase so kyini ne ɛso anantenantew na mereba.


Sɛ me nan man fii ɔkwan no so, na me koma dii m’aniwa akyi, na nkekae wɔ me nsam a,


AWURADE, fa wo nsa begye me, fi nnipa nsam, nnipa a wɔn nkwa kyɛfa ne wiase de, fa nea wasiesie ama wɔn hyɛ wɔn yafunu ma ma wɔn mma nnya no mmoroso na wɔmfa bi nnyaw nkyirimma.


Wonnue, mma atuatewfo, AWURADE na ose, wɔn a wodi agyinatusɛm so, na emfi me, na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom so sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no.


Hena ho fɛw na mudi yi? Hena so na motɛɛtɛɛ mo anom na motwe mo tɛkrɛma mu yi? Ɛno, ɛnyɛ mmarato mma ne atoro asefo ne mo anaa?


Na awaresɛefo ahyɛ asase no so ma; na nnome nti asase no di nkɔmmɔ, sare so adidibea akisa; na wɔn mmirikatu yɛ bɔne, na wɔn mmaninyɛ nso nteɛ.


Israel, wufi Gibea nna no so ayɛ bɔne; ɛhɔ na wogyinae; Gibea sa a wotui mmabusufo no so no anto wɔn.


sohori, patukɛse, ɛpo so asomfena ne akoroma, sɛnea wɔn su te,


Onipa ba no bae, odidi na ɔnom, na wose: Hwɛ, odidifo ne ɔsanomfo, towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo. Nanso nyansa nam ne nnwuma so di bem.


Na nea woguu no nsɔe mu no, ɔne nea ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwen ne haw ne ahonyade nnaadaa mia asɛm no, na ɛnsow aba.


afuw no ne wiase; aba pa no ne ahenni no mma; wura no ne ɔbɔne no mma;


na ɔbra yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa ne nneɛma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ ba mu a, emia asɛm no na ɛnsow aba.


Na owura no kamfoo ofiepanyin nitewfo no sɛ wadi no nyansam, eyi mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sen hann mma wɔn mfɛfo mu.


Simon, Simon, hwɛ, anka na Satan pɛ sɛ onya mo, na ohuhu mo so sɛ aburow.


Afei ne wiase atemmu; afei na wobeyi wiase sodifo no hɔ.


Na wɔrebedidi no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, komam sɛ onkoyi no mma,


Na ogyee abodoo sin no akyi no, ɛno na Satan hyɛn no mu. Ɛnna Yesu see no sɛ: Nea woreyɛ no, yɛ no ntɛm!


Me ne mo renkasa pii bio; na wiase sodifo no reba, nanso ɔrennya me hɔ hwee.


Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa ne de; na sɛ mumfi wiase na mayi mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo.


ne atemmu ho, efisɛ wɔabu wiase sodifo no atɛn.


Wiase ntumi ntan mo; na me na ɛtan me, efisɛ midi adanse sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.


Na osee wɔn sɛ: Mo de, mufi fam, me de, mifi soro. Mufi wiase; me de, mimfi wiase.


Mo de, mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.


Na ɔkyerɛwfo no pataa nkurɔfokuw no sɛ: Efesofo, onipa bɛn po na onnim sɛ Efeso kurow yɛ Artemi kɛse asɔrefi ne ohoni a efi Seus so bedurui no so hwɛfo?


Na Petro kae sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ wo koma ma sɛ bedi atoro kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no ti ade bi asie?


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


Ɛnyɛ wiase nguamammɔfo anaa aniberefo ne amimfo anaa abosonsomfo ho asɛm koraa na mereka; ɛnne, na anka ɛsɛ sɛ mufi wiase kɔ.


Saa na anka mo mu bi te ara nen; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


wɔn mu na wiase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.


Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho mae, na wayi yɛn afi wiase bɔne yi mu, sɛnea yɛn Agya Onyankopɔn pɛ no te.


panyinni ne tumidi ne ahoɔden ne wurayɛ nyinaa so, ɛne din a wɔde to, ɛnyɛ wiase ha nko, na mmom wiase a ɛreba no nso mu.


Enti monkae sɛ mo a anka moyɛ amanaman mufo ɔhonam fam, na wɔn a wɔfrɛ wɔn twetiatwafo, mekyerɛ wɔn a wɔde nsa ara kɛkɛ twa ɔhonam mu no frɛ mo momonoto no,


Na afei de, Kristo Yesu mu, mo a anka mowɔ akyirikyiri no, monam Kristo mogya mu abɛn.


Wɔn mu na anka kan no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ nea ɔhonam ne adwene pɛ, na sɛnea yɛn awosu te no yɛyɛ abufuw mma te sɛ wɔn a aka no nso.


Enti meka eyi na midi adanse Awurade mu, sɛ monnnantew bio sɛnea amanaman mufo a aka no nantew wɔn adwene hunuyɛ mu no.


Ɛne sɛ, mo kan abrabɔ fam de, munyi onipa dedaw a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no nkyene,


Mommma obi mmfa nsɛnhunu nnnaadaa mo; na saa nneɛma no nti na Onyankopɔn abufuw ba wɔn a wɔyɛ asoɔden so.


Na kan no na moyɛ sum, na afei de, moyɛ hann, Awurade mu; monnantew sɛ hann mma,


efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom no.


Na mo nso a anka moyɛ atuatewfo ne atamfo, adwene fam ne nnwuma bɔne mu no,


Efisɛ Dema apɛ mprempren wiase agyaw me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia.


Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fi agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu.


Na mma saa onipa no nnsusuw sɛ obenya Awurade hɔ biribi.


Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.


Monyɛ sɛ asoɔmmerɛw mma, na monnyɛ mo ho sɛnea kan a munnim biribiara no mo akɔnnɔ te no,


Yɛn asetena bere a atwam no, yɛsɛee bere yɛɛ nea amanaman mufo no pɛ, sɛ yɛnantew ahohwi, akɔnnɔ, asabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a wokyi mu.


wɔwɔ aniwa a awaresɛe ahyɛ no mama, a ɛrennwo wɔ bɔne ho da, wɔdaadaa akra a wɔn ase nnya ntimii ɛ, wɔwɔ koma a aben anibere mu, wɔyɛ nnome mma,


Eyi mu na Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn.


Nea ɔyɛ bɔne no fi bonsam, efisɛ ɔbonsam na ofi mfiase yɛɛ bɔne. Eyi nti na Onyankopɔn Ba no beyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.


Mma nkumaa, mufi Nyankopɔn mu, na moadi wɔn so nkunim, efisɛ nea ɔwɔ mo mu no so kyɛn nea ɔwɔ wiase mu.


Yenim sɛ, yefi Nyankopɔn, na wiase nyinaa hyɛ ɔbɔnefo no tumi ase.


Efisɛ biribiara a Onyankopɔn woe no di wiase so nkunim, na nkunim a adi wiase so ne yɛn gyidi.


Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.


Na nsɛnkyerɛnne a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ aboa no anim no nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase so no ka kyerɛ asase sotefo no sɛ wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrante apira no na ɔte ase bio no.


Na wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛkotow no, wɔn a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din oguammaa a wokum no no nkwa nhoma mu no.


Na nea ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no guu ahun mu. Na ɛnne kɛse bi fi asɔredan no mu, fi ahengua no mu, se: Wɔawie.


Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dedaw a ɔne bonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan