Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 2:12 - KYERƐW KRONKRON

12 monkae sɛ da bi hɔ no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafo a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔho bɔhyɛ apam horow no ho, na munni anidaso biara, na munni Nyankopɔn bi wɔ wiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 monkae sɛ da bi no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafoɔ a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔhoɔ wɔ bɔhyɛ apam ahodoɔ no ho, na monni anidasoɔ biara, na monni Onyankopɔn bi wɔ wiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 monkae sɛ saa bere no na moatew mo ho afi Kristo ho, na wɔnkan mo mfra Israelfo, na moyɛ ahɔho a monka bɔhyɛ apam no ho, na munni anidaso na munni Onyankopɔn nso wɔ wiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 monkae sɛ da bi no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafoɔ a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔhoɔ wɔ bɔhyɛ apam ahodoɔ no ho, na monni anidasoɔ biara, na monni Onyankopɔn bi wɔ wiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 monkae sɛ saa ɛberɛ no, na moate mo ho afiri Kristo ho, na wɔnnkane mo mfra Israelfoɔ, na moyɛ ahɔhoɔ a monka bɔhyɛ apam no ho, na monni anidasoɔ ɛna monni Onyankopɔn nso wɔ ewiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 monkae sɛ da bi hɔ no na mo ne Kristo nni twaka biara, na na moyɛ ananafo a wɔnyɛ Israel man mma, ne ahɔho bɔhyɛ apam horow no ho, na munni anidaso biara, na munni Nyankopɔn bi wɔ wiase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 2:12
51 Iomraidhean Croise  

Da no ara na AWURADE ne Abram pamee sɛ: W'asefo na mede asase yi mama wɔn, efi Misraim asubɔnten ho de kosi asubɔnten kɛse, Eufrate asubɔnten, no so:


Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wonni nokware Nyankopɔn no, na wonni ɔsɔfo a ɔkyerɛkyerɛ, na wonni mmara.


Na Serubabel ne Yesua ne Israel agyanom atitiriw nkae no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo ne yɛn de, sɛ yebesi ɔdan ama yɛn Nyankopɔn, na yɛn nko ara besi ama AWURADE Israel Nyankopɔn no, sɛnea Persia hene Kores hyɛɛ yɛn no.


Mo nkyɛn tenafo ne ɔpaani nnni bi.


Na AWURADE yam bɛhyehye no Yakob ho, na wapaw Israel bio, na ɔde wɔn adua wɔn asase so, na ananafo de wɔn ho afam wɔn ho, na wɔabata Yakob fi ho.


Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne dimafo, asafo AWURADE se ni: Mene odikanfo na mene okyiridifo, na Onyankopɔn bi nni hɔ gye me nko.


Munhyia mmra, mommom ntwiw mmɛn, mo a moafi mu, amanaman mu. Wonnim de, wɔn a wɔsoso wɔn ahoni nnua, na wɔbɔ onyame a ontumi nnye nkwa mpae.


Na ahɔho begyina ahwɛ mo nguan, na ananafo ayeyɛ mo akuafo ne mo turoyɛfo.


Wo a Israel hwɛ wo kwan, wo a wugye wɔn ohia bere mu, ɛdɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔho, sɛ ɔkwantenni a ɔsoɛ anadwo?


O, AWURADE, O Israel anidaso, wɔn a wogyaw wo nyinaa ani bewuwu; wɔn a wɔsan fi w’akyi no, asase mu na wɔbɛkyerɛw wɔn din, efisɛ wɔagyaw nkwa nsuti AWURADE no.


Na me nsa bɛba adiyifo a wohu ahuhude na wɔhyɛ nkɔntoro no so: Wɔrentena me man bagua no mu, na wɔrenkyerɛw wɔn din Israel fi din kyerɛw no mu, na wɔremma Israel asase so, na moahu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.


Na me ne wɔn bɛpam asomdwoe apam, ɛbɛyɛ wɔn daa apam, na mɛma wɔatim na mama wɔafɛe, na mede me kronkronbea mesi wɔn mu akosi daa.


Na ntonto so na monkyɛ asase no mfa nni so, mo ne ananafo a wɔabɛsoɛ mo mu ahɔho a mo mu wɔawowo mma no, na wɔnyɛ mo sɛ wɔn a wɔwoo wɔn Israel mma mu, wɔne mo mmɔ agyapade so ntonto, Israel mmusuakuw no mu;


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni.


Akronkronne mu soma ade a Israelfo de brɛ AWURADE nyinaa, mede mama wo ne wo mmammarima ne wo mmabea a wɔka wo ho no sɛ daa kyɛfa; ɔnyɛ AWURADE anim daa nkyene apam mma wo ne w'asefo a wɔka wo ho no.


sɛ obehu yɛn agyanom mmɔbɔ, na wakae n’apam kronkron no:


Na mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.


Mene bobe no, mone abaa no. Nea ɔtena me mu na me nso metena no mu no, ɔno ara na ɔsow aba pii; na mokwati me a, muntumi nyɛ hwee.


Mosɔre nea munnim; yɛn de, yɛsɔre nea yenim, efisɛ ogye no fi Yudafo mu.


Na bɔhyɛ no yɛ mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a Awurade yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba nyinaa dea.


Afei eyi nti na mefrɛɛ mo, sɛ mehu mo na makasa makyerɛ mo; efisɛ Israel anidaso nti na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn yi agu me yi.


Mone adiyifo no ne apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pamee no mma, sɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: w’asefo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.


Ɛne sɛ ɛnyɛ ɔhonam mma no ne Nyankopɔn mma, na mmom bɔhyɛ mma no na wobu wɔn asefo.


Nanso bere a munnim Nyankopɔn no, mosom wɔn a wɔn su mu wɔnyɛ anyame no sɛ nkoa.


Enti afei monyɛ ahɔho ne amamfrafo bio, na mmom moyɛ ahotefo no yɔnko-man-mma ne Nyankopɔn fifo.


Wɔn na wɔn adwenem aduru sum, na esiane sɛ wonni ntease na wɔn koma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo.


Na mo nso a anka moyɛ atuatewfo ne atamfo, adwene fam ne nnwuma bɔne mu no,


Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma n'ahotefo hu ahintasɛm yi anuonyam ahonya wɔ amanaman mu, a ɛne Kristo a ɔwɔ mo mu, anuonyam anidaso no.


esiane anidaso a ɛda hɔ ma mo wɔ ɔsoro, ɛno na monam asɛmpa nokwasɛm so dii kan tee.


Na, anuanom, wɔn a wɔadeda no ho de, mempɛ sɛ yesi mo so, na mo werɛ anhow sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no.


ɛnyɛ akɔnnɔ anibere mu sɛ amanaman a wonnim Nyankopɔn no;


Na ɔno, yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekye ne anidaso pa adom mu no,


Paulo, Kristo Yesu somafo, sɛnea yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu a ɔne yɛn anidaso no hyɛe no,


dum ogya tumi, guan nkrante ano, nyaa ahoɔmmerɛw mu ahoɔden, yɛɛ ɔko mu ahoɔdenfo, kaa ananafo mpasua gui.


na yɛafa ade abien a ɛnsakra a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ntumi nni atoro wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛm a emu yɛ den, yɛn a yɛaguan repɛ hintabea no bɛsɔ anidaso a ɛda yɛn anim no mu.


Na afei ne nsa aka asɔfodwuma a ɛkyɛn so, sɛ wayɛ apam a ɛkyɛn so a wogyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛɛ ho mmara no ntamgyinafo.


a monam no so gye Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu na ɔhyɛɛ no anuonyam no di no, na mo gyidi ne anidaso atena Onyankopɔn mu.


Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo akɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu,


Na mummu Awurade Kristo kronkron mo koma mu. Nso munsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase,


Na obiara a ɔwɔ ne ho anidaso yi no, ɔtew ne ho sɛnea ɔno ho tew.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan