Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 2:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Enti monkae sɛ mo a anka moyɛ amanaman mufo ɔhonam fam, na wɔn a wɔfrɛ wɔn twetiatwafo, mekyerɛ wɔn a wɔde nsa ara kɛkɛ twa ɔhonam mu no frɛ mo momonoto no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Enti monkae sɛ, mo a anka kane no moyɛ amanaman mufoɔ honam fam, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafoɔ, mekyerɛ wɔn a wɔde nsa ara kɛkɛ twa honam mu no frɛ mo momonoto no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Afei monkae sɛ mo a na anka kan no wɔwoo mo sɛ amanamanmufo, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafo no (nea wɔde nsa ayɛ wɔ honam mu) frɛ mo momonotofo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Enti monkae sɛ, mo a anka kane no moyɛ amanaman mufoɔ honam fam, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafoɔ, mekyerɛ wɔn a wɔde nsa ara kɛkɛ twa honam mu no frɛ mo momonoto no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Afei, monkae sɛ mo a na anka kane no wɔwoo mo amanamanmufoɔ, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafoɔ, (deɛ wɔde nsa ayɛ wɔ honam mu) frɛ mo momonotofoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Enti monkae sɛ mo a anka moyɛ amanaman mufo ɔhonam fam, na wɔn a wɔfrɛ wɔn twetiatwafo, mekyerɛ wɔn a wɔde nsa ara kɛkɛ twa ɔhonam mu no frɛ mo momonoto no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 2:11
29 Iomraidhean Croise  

na ɛhɔ na mobɛkae mo akwan ne mo nneyɛe a mode guu me ho fi no nyinaa, na mo ho ayɛ mo nwini, mo ani so, mo bɔne a moyɛe no nyinaa nti.


Ɛno na mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛe a enye no, na mo amumɔyɛ ne mo akyide no nti, mo ho ayɛ mo nwini, mo anim.


Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Obi mmɔɔ yɛn paa ɛ. Osee wɔn sɛ: Mo nso monkɔ bobe turom hɔ!


Na sɛ nnubaa no bi abubu, na wo a woyɛ wuram ngo dua no, wɔde wo afra ahyɛ mu, na woanya ngo dua no ntini ne emu nsu no bi a,


Enti sɛ momonoto no di mmara mu nsɛntrenee so a, so wɔremmu ne momonotoyɛ no sɛ twetiatwa anaa?


Na nea wɔawo no momonoto a odi mmara no so pɛ no bebu wo a wunim akyerɛwee no, na woyɛ twetiani nanso woto mmara no atɛn!


Munim sɛ kan a moyɛ abosonsomfo no, momaa wɔde mo faa ɔkwan biara so kɔɔ abosom mum nkyɛn.


Saa na anka mo mu bi te ara nen; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


Yɛn de, yefi yɛn awosu mu yɛ Yudafo, na yɛnyɛ amanaman mu nnebɔneyɛfo.


Dodow a wɔpɛ sɛ wɔn anim ba nyam honam mu no, wɔn na Kristo Yesu asɛnnua ho taa a wɔmpɛ sɛ wɔtaa wɔn nti, wɔhyɛ mo sɛ muntwa twetia.


na kan no monantewee sɛnea wiase abrabɔ te ne sɛnea wim tumi no panyin no te, honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma, asoɔden mma mu no.


Na kan no na moyɛ sum, na afei de, moyɛ hann, Awurade mu; monnantew sɛ hann mma,


Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn gyee wo; enti na nnɛ merehyɛ wo mmara yi.


Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim, na hwɛ na yɛ ahyɛde yi.


Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ mu yii wo fii hɔ; enti na AWURADE wo Nyankopɔn hyɛ wo sɛ di homeda no.


Na kae ɔkwan a AWURADE wo Nyankopɔn ma wonantew so mfirihyia aduanan yi sare so no nyinaa, sɛ ɔrebrɛ wo ase asɔ wo ahwɛ, na wahu nea ɛwɔ wo koma mu, sɛ wubedi ne mmara nsɛm so anaasɛ worenni.


Kae, na mma wo werɛ mmfi, sɛnea wuyii AWURADE wo Nyankopɔn abufuw sare so no; efi da a wufii Misraim asase so de besii sɛ mobaa ha yi, motew AWURADE anim atua.


Na yɛn twetiatwa no, yɛn na yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam so.


Na mo nso a anka moyɛ atuatewfo ne atamfo, adwene fam ne nnwuma bɔne mu no,


ɔno mu nso na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na nea ɛwɔ ɔhonam nipadua mu a woyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu.


Na mo a anka moyɛ awufo, esiane mo mfomso ne mo honam a twetiatwa nni mu no nti, wama mo ne no nkwa bi, sɛ ɔnam adom so de mo mfomso nyinaa akyɛ yɛn,


faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehye bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.


Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Dɛn na wɔbɛyɛ onipa a obekum Filistini yi na wayi ahohora afi Israel so no? Na hena po ne Filistini momonoto yi a ɔbɔ Onyankopɔn teasefo mpasua ahohora yi?


W’akoa akum gyata ne sisi nyinaa, na Filistini momonoto yi nyɛ sɛ wɔn mu biako, sɛ wabɔ Onyankopɔn teasefo mpasua ahohora yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan