Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 1:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Ɔma yehuu ne pɛ ahintasɛm, sɛnea n’anisɔ a ɛyɛ n'atirimpɔw no te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Ɔmaa yɛhunuu ne pɛ ahuntasɛm, sɛdeɛ n’anisɔ a ɛyɛ n’atirimpɔ no teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Onyankopɔn nam nea Kristo yɛe no so ada nʼanwonwakwan no adi akyerɛ yɛn sɛ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Ɔmaa yɛhunuu ne pɛ ahuntasɛm, sɛdeɛ n’anisɔ a ɛyɛ n’atirimpɔ no teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Onyankopɔn nam deɛ Kristo yɛeɛ no so ada nʼanwanwa kwan no adi akyerɛ yɛn sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Ɔma yehuu ne pɛ ahintasɛm, sɛnea n’anisɔ a ɛyɛ n'atirimpɔw no te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 1:9
28 Iomraidhean Croise  

AWURADE agyina de, egyina hɔ daa, ne komam adwene wɔ hɔ ma awo ntoatoaso nyinaa.


Ɛdɛn nti na mo ne me ham ara? Mo nyinaa moafomfom me, AWURADE asɛm ni.


Na obua see wɔn sɛ: Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu ɔsoro ahenni mu ahintasɛm no, na wɔn de, wɔmfa mmaa wɔn.


Kuw ketewa, munnsuro! Efisɛ ɛyɛ mo Agya no fɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.


Anuonyam nka Onyankopɔn, wɔ sorosoro na asomdwoe nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asase so.


Na amanaman mufo no tee no, wɔn ani gyei, na wɔhyɛɛ Awurade asɛm no anuonyam. Na dodow a wɔayi wɔn ama daa nkwa no gye dii.


ɔno ara na wɔnam Onyankopɔn agyina a otui, ne ne nim a onim dedaw so yii no mae no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa so bɔɔ no asɛnnua mu kum no.


sɛ wɔrebɛyɛ nea wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa.


Na, anuanom, mempɛ sɛ mekora mo ahintasɛm yi so, na moammu mo ho anyansafo. Ɛne sɛ komapirim aba Israel afaafa mu, de kosi sɛ amanaman mufo bewie mayɛ;


Na yenim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, ade nyinaa di boa wɔn ma ewie wɔn yiye, wɔn a wɔnam n’atirimbɔ no so afrɛ wɔn no.


Na wiase amfa nyansa so anhu Nyankopɔn wɔ Onyankopɔn nyansa mu nti, ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔnam asɛnka no nkwaseasɛm so begye wɔn a wogye di no nkwa.


efisɛ ɛnyɛ nnipa nkyɛn na migyee no, nso wɔamfa ankyerɛkyerɛ me, na mmom Yesu Kristo na ɔdaa no adi kyerɛɛ me.


Na ɛsɔɔ nea oyii me fii me na yam, na ɔnam n'adom so afrɛ me no ani


sɛ ɔbɛda ne Ba adi me mu no, sɛ menka ne ho asɛmpa menkyerɛ amanaman no, ntɛm ara me ne honam ne mogya antu agyina,


Ɔno ara Kristo mu na wɔayɛ yɛn adedifo nso, sɛnea ɔyɛ nneɛma nyinaa, ne pɛ agyinatu so no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no,


Ɔmaa no boroo so maa yɛn, nyansa ne nimdeɛ nyinaa mu.


sɛnea ne tirim a ɔbɔe teteete yɛn Awurade Kristo Yesu mu no te no.


Na ade a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahintasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu, wobuu no bem honhom mu, oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wogyee no dii ewiase, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.


Ɔno na wagye yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma nti, na mmom ne tirim agyina ne adom a wɔde adom yɛn Kristo Yesu mu fi teteete


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan