Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 sɛnea oyii yɛn wɔ ɔdɔ mu Kristo mu ansa na wɔhyɛ wiase ase, sɛ yɛnyɛ ahotefo ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 sɛdeɛ ɔyii yɛn wɔ ɔdɔ mu, Kristo mu ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ, sɛ yɛnyɛ ahotefoɔ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ansa na Onyankopɔn bɛbɔ wiase no, ɔdɔɔ yɛn na oyii yɛn wɔ Kristo mu sɛ yɛbɛyɛ kronkron a mfomso biara nni yɛn ho wɔ nʼani so. Ofi ɔdɔ mu

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 sɛdeɛ ɔyii yɛn wɔ ɔdɔ mu, Kristo mu ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ, sɛ yɛnyɛ ahotefoɔ ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ansa na Onyankopɔn bɛbɔ ewiase no, ɔdɔɔ yɛn na ɔyii yɛn wɔ Kristo mu sɛ yɛbɛyɛ kronkron a mfomsoɔ biara nni yɛn ho wɔ nʼani so. Ɔfiri ɔdɔ mu

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 sɛnea oyii yɛn wɔ ɔdɔ mu Kristo mu ansa na wɔhyɛ wiase ase, sɛ yɛnyɛ ahotefo ne nnipa a wɔn ho nni asɛm n’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 1:4
55 Iomraidhean Croise  

Na mayɛ me ho pɛ mama no, na mahwɛ me ho so mafi m’amumɔyɛ ho.


Na AWURADE apaw Yakob afa, ɔde Israel ayɛ ne de.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden ni, nea mapaw no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu no so; ɔde atemmu befi akɔ amanaman mu.


Kasa kyerɛ Israelfo asafo no nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Monyɛ kronkron, efisɛ me, AWURADE mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.


Enti montew mo ho na monyɛ kronkron: na mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn no nti wobetwa nna no so.


Na kristofo atorofo ne adiyifo atorofo bɛsɔre, na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, anka wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.


Na ɔbɛsoma n’abɔfo ama wɔde torobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afi mframa anan no mu afi ɔsoro ano akɔpem ano.


Ɛno na ɔhene bese wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase mfiase no nni!


Na mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.


Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ na monkɔsow aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.


Agya, wɔn a wode wɔn ama me no, mepɛ sɛ faako a mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wonhu m’anuonyam a womaa me no, efisɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.


Na amanaman mufo no tee no, wɔn ani gyei, na wɔhyɛɛ Awurade asɛm no anuonyam. Na dodow a wɔayi wɔn ama daa nkwa no gye dii.


Awurade a ɔma wohuu eyinom nyinaa fi wiase asefi no na ɔka.


Efisɛ meka wo ho, na obiara renka wo mmɛyɛ wo hwee; na mewɔ nkurɔfo pii kurow yi mu.


Hena na ɔbɛtoto wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no ano? Onyankopɔn ne nea obu bem;


ɔno ara nso na ɔbɛhyɛ mo den akosi awiei, na mo ho amma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo da no.


Anuanom, adehyedi mu na wɔafrɛ mo aba; nanso mommma adehyedi no nnyɛ ɔkwan mmma ɔhonam, na mmom momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho!


Na honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi,


Efisɛ Kristo Yesu mu de, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidi a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


Na yɛyɛ n’adwinni a ɔyɛe, ɔbɔɔ yɛn Kristo Yesu mu maa nnwuma pa a Onyankopɔn asiesie ato hɔ sɛ yɛnnantew mu no.


na ɔmma Kristo mfa gyidi so ntena mo komam, na moagye ɔdɔ mu ntini atim mu,


ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu, abodwokyɛre mu, munkurakura mo ho mu ɔdɔ mu,


na monnantew ɔdɔ mu, sɛnea Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho mae maa yɛn sɛ ayɛyɛde ne afɔrebɔde a wɔbɔ ma Onyankopɔn a eyi hua a ɛyɛ dɛ no.


na ɔde asafo no asi hɔ anuonyam mu a nkekae anaa mpomponoe anaa eyinom biara nni ho, na mmom ayɛ kronkron a dɛm nso nni ho.


na moayɛ nnipa a asɛm nni wɔn ho, a wɔyɛ kronn, Onyankopɔn mma a nkekae nni wɔn ho wɔ nnɛ mma abusua a wɔakɔntɔn na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ akanea wɔ wiase,


afei ɔnam owu so apata mo ne no ntam wɔ ne honam nipadua mu, sɛ ɔde mo besi hɔ sɛ nnipa kronkron a wonni dɛm a asɛm bi nni wɔn ho wɔ n’anim;


sɛ wonnya nea ɛka wɔn koma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ biako ɔdɔ mu nnya ntease a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahu Onyankopɔn ahintasɛm a ɛne Kristo no mu.


Enti sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ timmɔbɔ, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo ne abodwokyɛre.


Na mo de, Awurade mma monnɔɔso na mommoro so ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho ne nnipa nyinaa no mu, sɛnea yɛn nso yɛdɔ mo no,


Na Onyankopɔn amfrɛ yɛn ankɔ efi mu, na mmom ahotew mu.


Ɔno na wagye yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma nti, na mmom ne tirim agyina ne adom a wɔde adom yɛn Kristo Yesu mu fi teteete


Eyi nti metɔ me bo ase amane nyinaa mu, wɔn a wɔapaw wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa anuonyam.


Nanso Onyankopɔn nnyinaso tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de; Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfi nea ɛnteɛ ho.


Me nuanom adɔfo, muntie! So Onyankopɔn mpaw wiase ahiafo sɛ wɔnyɛ gyidi mu ahonyafo ne ahenni a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no difo?


sɛnea Agya Onyankopɔn nim a onim dedaw no te no, wɔ honhom ahotew mu, de akɔ asoɔmmerɛw ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoe mmoroso nka mo.


Ɔno na woyii no siei ansa na wɔhyɛɛ wiase ase, na wɔayi no akyerɛ, bere a edi akyiri yi mu ama mo


Na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no ayeyi nkyerɛ.


Enti, adɔfo, sɛ moretwɛn eyinom nti, mommɔ mmɔden na wɔahu mo sɛ nnipa a wonni nkekae ne dɛm asomdwoe mu,


Na yɛn de, yɛahu na yɛagye ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no yɛn ho no adi. Onyankopɔn ne ɔdɔ, na nea ɔte ɔdɔ mu no te Nyankopɔn mu, na Onyankopɔn te ne mu.


Na wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛkotow no, wɔn a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din oguammaa a wokum no no nkwa nhoma mu no.


Aboa a wuhuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, na obefi bun no mu aba, na wabɛsen akɔ ɔsɛe mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase so a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din nkwa nhoma mu no nwonwa sɛ wobehu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan