Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn ɔsoro hɔnom Kristo mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn soro hɔnom Kristo mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, efisɛ ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a efi ɔsoro abrɛ yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn soro hɔnom Kristo mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, ɛfiri sɛ, ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a ɛfiri ɔsoro abrɛ yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn ɔsoro hɔnom Kristo mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 1:3
39 Iomraidhean Croise  

na nhyira ne ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔde w'atamfo ahyɛ wo nsa. Na Abram maa no nneɛma no nyinaa mu ntotoso du du.


na w'asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.


Na Dawid ka kyerɛɛ bagua no nyinaa sɛ: Munhyira AWURADE mo Nyankopɔn no ɛ! Na bagua no nyinaa hyiraa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔkotow sɔree AWURADE ne ɔhene.


Na Yabes frɛɛ Israel Nyankopɔn sɛ: Oo, sɛ anka wubehyira me na woatrɛw me hye mu na wo nsa adi m’akyi na woamma bɔne bi ammɛyɛ me na ɛyaw bi ammɛka me ɛ! Na Onyankopɔn maa nea ɔsrɛe no bae.


Ɛnna Hesekia ne mmapɔmma no bae behuu akuwakuw no, na wohyiraa AWURADE ne ne man Israel.


Na Lewifo no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kae sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfi daa nkosi daa, na wonhyira w’anuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyi nyinaa so no.


AWURADE a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no mfi Sion nhyira wo.


Ne din bɛtena hɔ daa, na owia wɔ hɔ yi, ne din asi so, na nnipa de no ahyira wɔn ho, na amanaman nyinaa ahyira no.


na nhyira ne n’anuonyam din daa, na n’anuonyam nhyɛ asase nyinaa ma. Amen ne Amen.


Na wobehu wɔn asefo, amanaman mu, ne wɔn mma, aman mu; obiara a n’ani bɔ wɔn so no behu wɔn sɛ wɔyɛ ɔman a AWURADE ahyira wɔn.


Na nna no akyi no, me, Nebukadnesar, memaa m’ani so mehwɛɛ ɔsoro, na m’adwene san ba maa me, Na mihyiraa ɔsorosoroni no, na mekamfoo nea ɔte ase daadaa no, na miyii no ayɛ sɛ: Ne tumi yɛ daa tumi na n’ahenni wɔ awo ntoatoaso nyinaa so;


ɔfaa no too n’abasa so, yii Onyankopɔn ayɛ na afei ɔkae sɛ:


Da no ara mubehu sɛ mewɔ m’Agya no mu, na mowɔ me mu, na mewɔ mo mu.


sɛ wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me.


Yesu see no sɛ: Nka me, na minnya menkɔɔ ɔsoro m’Agya nkyɛn ɛ. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ: Merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.


saa ara nso na yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro, Kristo mu, na yɛn nyinaa yeyɛ yɛn ho akwaa mmiako mmiako.


na mode koma koro ne nokoro ahyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya, anuonyam.


Na ne mu na efi na mowɔ Kristo Yesu mu, ɔno mu na efi, na Nyankopɔn ayɛ nyansa ne trenee ne ahotew ne ogye ama yɛn.


Na sɛnea nipadua yɛ biako, na ɛwɔ akwaa bebree, na akwaa yi nyinaa dɔɔso nanso ɛyɛ nipadua biako no, saa ara na Kristo nso te.


Ayeyi nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya a ɔyɛ mmɔborohunu Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn


Awurade Yesu Nyankopɔn ne n'Agya a nhyira nka no daa no nim sɛ minni atoro.


Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo; nneɛma dedaw no atwam, hwɛ, nneɛma nyinaa ayɛ foforo.


Efisɛ, nea onnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Onyankopɔn trenee wɔ ne mu.


Ɛnne na wɔn a wofi gyidi mu no, wohyira wɔne gyidini Abraham bom.


Ɔde kyerɛɛ sɛ bere awie du sɛ wɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu, mekyerɛ nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so nyinaa.


Mebɔ mpae sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, anuonyam Agya no, mma mo nyansa ne adiyi honhom wɔ ne ho nimdeɛ mu,


a ɔde yɛɛ ade Kristo mu, nyan no fii awufo mu no te. Ɔde no tenaa ne nifa ɔsoro,


Na wanyan yɛne no, na ɔde yɛne no atena ɔsoro hɔnom, Kristo Yesu mu,


sɛ afei wɔmfa asafo no so mma mpanyinni ne tumi horow a ɛwɔ ɔsoro hɔnom nhu Onyankopɔn nyansa horow bebree no,


efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom no.


Na tɛkrɛma nyinaa mpaemu nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade nhyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.


Wɔn na wɔsom ɔsoro nneɛma nhwɛso ne mfonini, te sɛnea bere a Mose rebesiesie ntamadan no, ɛbaa ne nkyɛn a ese: Hwɛ, yɛ ade nyinaa sɛnea nsusuwso a wɔkyerɛɛ wo bepɔw no so no te.


Ɛnne na etwa sɛ wɔde eyinom tew ɔsoro nneɛma nhwɛso no ho. Na ɔsoro nneɛma no ankasa de, wɔde afɔre a eye kyɛn eyinom na ɛtew ho.


Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya a ne mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo akɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan