Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 1:12 - KYERƐW KRONKRON

12 sɛ yɛn a yɛn ani daa Kristo so kan no mmɛyɛ n’anuonyam ayeyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 sɛ yɛn a yɛn ani daa Kristo so kane no mmɛyɛ n’animuonyam ayeyie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn a yedii kan nyaa anidaso wɔ Kristo mu no bɛyɛ nkamfo ahyɛ no anuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 sɛ yɛn a yɛn ani daa Kristo so kane no mmɛyɛ n’animuonyam ayeyie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn a yɛdii ɛkan nyaa anidasoɔ wɔ Kristo mu no bɛyɛ nkamfo ahyɛ no animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 sɛ yɛn a yɛn ani daa Kristo so kan no mmɛyɛ n’anuonyam ayeyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 1:12
21 Iomraidhean Croise  

Momfa nidi mapa mma no, na ne bo amfuw, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuw adɛw. Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.


Na da no, Yese ntini mu duforo a esi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyi kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne tenabea bɛyɛ anuonyam tenabea.


Hwɛ, me nkwagye Nyankopɔn ni. Metweri no, na minsuro, na m’ahoɔden ne me dwom ne AWURADE Nyankopɔn ne m'ahoɔdenne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagye.


Maka me ho ntam, trenee ano mu na asɛm afi, na ɛrensan, sɛ: Me na nkotodwe nyinaa bɛkotow me, na tɛkrɛma nyinaa aka me ntam.


AWURADE mu na Israel asefo nyinaa bedi bem ahyehye wɔn ho.


Ne bere so na wobegye Yuda nkwa, na Israel atena ase dwoodwoo, na eyi ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE yɛn trenee.


Mommma mo koma nntutu! Munnye Onyankopɔn nni, na me nso, munnye me nni.


na ama wɔayi n'adom a ɔde adom yɛn, wɔ ne Dɔba mu no anuonyam ayɛ.


sɛ wiase a ɛreba no mu obeyi n'adom ahonya a ɛboro so no adi ayamye a ɔyɛ yɛn Kristo Yesu mu mu.


ɔno na anuonyam nka no asafo no mu, Kristo Yesu mu, mfa nkɔ bere santen a ɛbɛba no ntoatoaso nyinaa mu. Amen.


Na yɛn de, mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, anuanom a Awurade dɔ mo, efisɛ Onyankopɔn afi mfiase ayi mo kɔ nkwagye mu, honhom ahotew ne nokware gyidi mu.


Ɛno ara nti na mihu amane yi nso, nanso m’ani nwu ho; efisɛ minim onii ko a magye no madi, na migye midi sɛ obetumi ahwɛ nea wɔde ahyɛ me nsa no so asie da no.


Ɔnam n’ankasa pɛ so na ɔde ne nokwasɛm woo yɛn, sɛ yɛnyɛ n’abɔde no mu adekan bi.


a monam no so gye Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu na ɔhyɛɛ no anuonyam no di no, na mo gyidi ne anidaso atena Onyankopɔn mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan