Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 1:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Ɔno ara Kristo mu na wɔayɛ yɛn adedifo nso, sɛnea ɔyɛ nneɛma nyinaa, ne pɛ agyinatu so no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Ɔno ara Kristo mu na wayɛ yɛn adedifoɔ nso, sɛdeɛ ɔyɛ nnoɔma nyinaa, ne pɛ agyinatuo soɔ no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Onyankopɔn yɛ nea ɔpɛ bere biara. Ɛno nti na ɔnam Kristo so paw yɛn fii wiase mfiase,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Ɔno ara Kristo mu na wayɛ yɛn adedifoɔ nso, sɛdeɛ ɔyɛ nnoɔma nyinaa, ne pɛ agyinatuo soɔ no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Onyankopɔn yɛ deɛ ɔpɛ ɛberɛ biara. Ɛno enti na ɔnam Kristo so paw yɛn firii ewiase ahyɛaseɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Ɔno ara Kristo mu na wɔayɛ yɛn adedifo nso, sɛnea ɔyɛ nneɛma nyinaa, ne pɛ agyinatu so no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 1:11
40 Iomraidhean Croise  

Ɔno nkyɛn na nyansa ne mmaninne wɔ, ɔno na afotu ne nhumu wɔ no.


Hwɛ, eyinom nyinaa na Onyankopɔn yɛ mprenu ne mprɛnsa wɔ onipa ho,


AWURADE nim wɔn a wodi mu no nna, na wɔn agyapade bɛtena hɔ daa.


Afotu ne nyansahu wɔ me, mene nhumu, mmaninyɛ wɔ me.


AWURADE, me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so makamfo wo din sɛ woayɛ anwonwade; tete bemee agyinatu atim ayɛ nokware.


Eyi nso, asafo AWURADE nkyɛn na efi; n’agyinatu yɛ nwonwa, na ne nyansa nni ano.


wɔn a wɔka sɛ: Ma ɔnyɛ no hare nyɛ n’adwuma ntɛm na yenhu! Na ma Israel kronkronni no agyina mmɛn na ɛmmra mma yenhu.


Na hena na wagyina AWURADE agyina no mu, na wahu na wate n’asɛm, anaa hena na wawɛn n’aso atie n’asɛm?


Wo a woso, agyinatu mu na w’adeyɛ dɔɔso; wo a w’aniwa bue hwɛ nnipa mma akwan nyinaa, sɛ wobɛma obiara sɛ n’akwan ne ne nsɛnnii aba te no;


Ɔno ara na obesi Awurade asɔredan, na ɔno ara na ɔbɛsoa anuonyam, na watena n’agua so adi hene, na wadi sɔfo n’agua so, na asomdwoe agyinatu bɛtena wɔn baanu no ntam.


Na amanaman mufo no tee no, wɔn ani gyei, na wɔhyɛɛ Awurade asɛm no anuonyam. Na dodow a wɔayi wɔn ama daa nkwa no gye dii.


ɔno ara na wɔnam Onyankopɔn agyina a otui, ne ne nim a onim dedaw so yii no mae no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa so bɔɔ no asɛnnua mu kum no.


efisɛ mansiw biribiara so, sɛ ebia merenka Onyankopɔn tirim agyina nyinaa menkyerɛ mo.


Na afei de, mede mo mehyɛ Nyankopɔn nsa ne n'adom asɛm mu; ɔno na obetumi de mo asi hɔ, na wama mo agyapade wɔn a wɔatew wɔn ho nyinaa mu.


na woabue wɔn ani, na wɔadan afi sum mu aba hann mu, na wɔafi Satan tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔnefakyɛ ne agyapade, wɔn a wogye me di na wɔatew wɔn ho no mu.


sɛ wɔrebɛyɛ nea wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa.


Na hena na wahu Awurade adwene, anaasɛ hena na ɔyɛ ne fotufo?


Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnko adedifo, nanso gye sɛ yɛne no hu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no anuonyam bi.


Na yenim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, ade nyinaa di boa wɔn ma ewie wɔn yiye, wɔn a wɔnam n’atirimbɔ no so afrɛ wɔn no.


Na wɔn a ohuu wɔn siei no, wayi wɔn ato hɔ nso, sɛ wɔnsɛ ne ba no suban, na wayɛ anuanom pii mu abakan.


Na wɔn a oyii wɔn too hɔ no, wafrɛ wɔn nso; na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wabu wɔn bem nso, na wɔn a obuu wɔn bem no, wahyɛ wɔn anuonyam nso.


na onnya nwoo mma no, na wonnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn tirim a ɔbɔɔ no nyiyimu so no atena hɔ, na amfi nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ so nti,


Na sɛ apɛgyade no fi mmara mu a, ɛnne na emfi bɔhyɛ mu bio; na Abraham de, bɔhyɛ so na Onyankopɔn nam de kyɛɛ no.


a ɛne yɛn apɛgyadenya ahyɛnsode no asɔ mo ano asie. Eyi ne ogye a wɔde agye wɔn a ɔde wɔn ayɛ ne de ama n’anuonyam ayeyi.


na moate ase, na moahu ne frɛ anidaso no ne n’apɛgyade anuonyam ahonya wɔ ahotefo no mu.


Oyii yɛn too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛfa yɛn abagye mu, sɛnea ne pɛ anisɔ te,


Ɔmaa no boroo so maa yɛn, nyansa ne nimdeɛ nyinaa mu.


Ɔma yehuu ne pɛ ahintasɛm, sɛnea n’anisɔ a ɛyɛ n'atirimpɔw no te.


sɛnea ne tirim a ɔbɔe teteete yɛn Awurade Kristo Yesu mu no te no.


Na mo de, AWURADE afa mo, na wayi mo afi dade fononoo mu, afi Misraim sɛ mommɛyɛ n’awunnyaman sɛ mote nnɛ da yi.


na yɛada Agya a wama yɛafata ahotefo apɛgyade no fafafo wɔ hann mu no ase,


efisɛ munim sɛ Awurade nsam na mubenya apɛgyade sɛ akatua, na Awurade Kristo na mosom no.


Ɔno na ɔde ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


na wɔnam n'adom so abu yɛn bem ama yɛayɛ daa nkwa no anidaso ho adedifo.


Ɛno nti na Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’atirimsɛm a ɛnsakra kyerɛ bɔhyɛ no adedifo pefee no, ɔde ntam gyinaa mu,


Me nuanom adɔfo, muntie! So Onyankopɔn mpaw wiase ahiafo sɛ wɔnyɛ gyidi mu ahonyafo ne ahenni a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no difo?


ɛne apɛgyade a ɛmporɔw, na ɛho nni dɛm, na ɛmpo mu a wɔde asie ɔsoro ama mo


Mommfa bɔne nntua bɔne so ka, nso mommfa ɔyaw nntua ɔyaw so ka; na mmom munhyira, efisɛ eyi mu na wɔfrɛɛ mo, sɛ mummegye nhyira.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan