Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Efesofo 1:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Ɔde kyerɛɛ sɛ bere awie du sɛ wɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu, mekyerɛ nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Ɔde kyerɛɛ sɛ ɛberɛ awie duro sɛ wɔbɛka nnoɔma nyinaa abɔ mu bio Kristo mu, mekyerɛ deɛ ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ asase so nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 bere a wahyɛ no, ɔbɛboaboa abɔde nyinaa ano, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Ɔde kyerɛɛ sɛ ɛberɛ awie duro sɛ wɔbɛka nnoɔma nyinaa abɔ mu bio Kristo mu, mekyerɛ deɛ ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ asase so nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 ɛberɛ a wahyɛ no, ɔbɛboaboa abɔdeɛ nyinaa ano, deɛ ɛwɔ ɔsoro ne deɛ ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Ɔde kyerɛɛ sɛ bere awie du sɛ wɔbɛka nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu, mekyerɛ nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Efesofo 1:10
29 Iomraidhean Croise  

Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n'anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.


Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.


Ɛda no, mɛma Dawid sese a ahwe ase no agyina, na mapompam wɔn mpaepae no, na magyina n’afasusin, na mato no sɛ tete nna no.


Hwɛ, meresoma me bɔfo, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na Awurade a mohwehwɛ no no, yiw apam bɔfo a mopɛ no no bɛba n’asɔrefi; hwɛ, ɔreba, asafo Awurade na ose.


Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mmirekyi mu.


Na ɔkae sɛ: Ɛbere no awie du, Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene, na munnye asɛmpa no nni!


Na eyinom nyinaa sii na ayɛ kɔkɔbɔ ama wɔn, na wɔakyerɛw no sɛ afotu ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi.


Na mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn.


na bere no wiee odu no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbea woo no ma wɔwoo no mmara ase,


Na ɔde ade nyinaa ahyɛ ne nan ase, na ɔde no ayɛ ade nyinaa so ti ama asafo


efisɛ ɔde ne honam yii mmara a ɛnam nsɛm horow a ɛwɔ ahyɛde mu no hɔ, na ɔde wɔn baanu nyinaa abɔ onipa foforo biako, ɔno ankasa mu, ama asomdwoe aba,


a wofi no mu frɛ abusua biara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa no,


sɛ ebia moate ofie-hwɛ adwuma a Onyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no,


efisɛ ne mu na wɔbɔɔ nneɛma nyinaa, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so, nea wohu ne nea wonhu, nhengua oo, wuradi oo, mpanyinni oo, tumidi oo, nneɛma no nyinaa, wɔnam no so na ɛbɔe, na wɔbɔ maa no.


na ɔnam no so apata Onyankopɔn ne nneɛma nyinaa ntam koraa, ɛne sɛ ɔnam [n’asɛnnua ho mogya] so ayɛ asomdwoe nam ɔno ara so apata nneɛma nyinaa, asase so de oo, ɔsoro de oo, ne Onyankopɔn ntam.


faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehye bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.


nna a edi akyiri yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nneɛma nyinaa so ɔdedifo, a ɔnam no so nso abɔ wiase nyinaa.


efisɛ Onyankopɔn asiesie biribi a eye kyɛn so asie yɛn, na wɔankwati yɛn anyɛ wɔn pɛ.


na ɛne nnuan ne anonne ne aguare horow yɛ ɔhonam nsiesiei nko a ɛda hɔ sɛ wɔnyɛ nkodu bere a wɔahyɛ ato hɔ no.


Ɔno na woyii no siei ansa na wɔhyɛɛ wiase ase, na wɔayi no akyerɛ, bere a edi akyiri yi mu ama mo


Na wɔtoo dwom foforo sɛ: Wofata sɛ wugye nhoma no na wubue ne nsɔano no, efisɛ wɔakum wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan