Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 9:9 - KYERƐW KRONKRON

9 AWURADE yɛn Nyankopɔn na mmɔborohunu ne fafiri wɔ no, na yɛatew n’anim atua,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛwɔ mu sɛ, yɛatew Awurade yɛn Nyankopɔn anim atua, nanso ɔyɛ ahummɔbɔ na ɔde bɔne kyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 AWURADE yɛn Nyankopɔn na mmɔborɔhunu ne fakyɛ wɔ no, na yɛate n’anim atua,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛwom sɛ, yɛate Awurade yɛn Onyankopɔn anim atua, nanso ɔyɛ ahummɔborɔ na ɔde bɔne kyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 9:9
28 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hia me sɛ! Ma yɛnhwe AWURADE nsam ɛ, na ne mmɔborohunu dɔɔso; na nnipa nsam na wɔmmma mennhwe.


Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotɔsrɛ a wɔde rebɔ mpae akyerɛ ha yi, na wo de, tie wɔ wo tenabea ɔsoro, na wote a, fa firi!


Nanso wo mmɔborohunu bebree nti, woanwie wɔn ase tɔre, na woannyaw wɔn, efisɛ Onyankopɔn domfo ne mmɔborohunufo ne wo.


Na wo na fafiri wɔ wo fam, na wɔasuro wo.


Israel, ma w’ani nna AWURADE so, na AWURADE fam na adɔe wɔ, na ogye a ɛdɔɔso wɔ ne nsam.


na wo, AWURADE, na ɔdom wɔ wo. Na wubetua onipa ka sɛ n’adwuma te.


Na wo, Awurade, woyɛ Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfo, wo boasetɔ kyɛ, na w’adɔe ne wo nokware dɔɔso.


Na wo, Awurade, wuye, na wode kyɛ, na w’adɔe dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.


Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, ma wɔnsan mmra AWURADE nkyɛn na ne yam bɛhyehye no ama wɔn, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne kyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.


Mɛbɔ AWURADE adɔeyɛ din, AWURADE ayeyide no, sɛ ɛfata nea AWURADE ne yɛn adi no nyinaa, na maka Israel fi yiye pii a ɔde ayɛ wɔn no, sɛ n’ayamhyehye ne n’adɔeyɛde dodow no te no.


Sɛ yɛn amumɔyɛ kasa tia yɛn mpo a, AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biara; na yɛn nsanakyiri adɔɔso, wo na yɛayɛ wo bɔne.


Na Israel fi tew m’anim atua sare so; wɔanni m’ahyɛde so na wɔpoo m’atemmude a sɛ onipa yɛ a, obenya mu nkwa no, na me home nna nso, wohuraa ho bebree. Ɛnna mise: Merehwie m’anibere magu wɔn so, sare so na madwerɛw wɔn;


yɛayɛ bɔne afom so adi abɔnefosɛm atew atua, yɛafi wo mmara nsɛm ne w’atemmude ho akɔ.


Na yɛantie wo nkoa adiyifo a wɔde wo din kasa kyerɛɛ yɛn ahene, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom ne asase no so man nyinaa no.


Wo Awurade, na trenee wɔ wo, na yɛn na animguase wɔ yɛn, sɛ ɛte nnɛ yi, ma Yudafo ne Yerusalemfo ne Israelfo a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri, nsaase a wɔn fom a wɔafom wo nti, wutuu wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so,


AWURADE, yɛn na animguase wɔ yɛn, yɛn ahene, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom, sɛ yɛayɛ wo bɔne nti;


Na obisaa sɛ: Ao, AWURADE! So ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase so no mekae ni? Eyi ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ mereguan makɔ Tarsis, efisɛ minim sɛ wo de, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfo ne mmɔborohunufo, wo bo kyɛ fuw na w’adɔe dɔɔso, na wosakra w’adwene wɔ mmusu a wode reba ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan