Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 9:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Wo Awurade, na trenee wɔ wo, na yɛn na animguase wɔ yɛn, sɛ ɛte nnɛ yi, ma Yudafo ne Yerusalemfo ne Israelfo a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri, nsaase a wɔn fom a wɔafom wo nti, wutuu wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Awurade, woyɛ ɔtreneeni, nanso nnɛ de, yɛn anim agu ase, Yudafo ne Yerusalemfo ne Israelfo nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumɔyɛ nti, yɛn anim agu ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Wo, AWURADE, na tenenee wɔ woɔ, na yɛn na animguaseɛ wɔ yɛn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi, ma Yudafoɔ, Yerusalemfoɔ, Israelfoɔ a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirie, nsase a fom a wɔafom woɔ nti, wotuu wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Awurade, woyɛ ɔteneneeni, nanso ɛnnɛ deɛ, yɛn anim agu ase, Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ ne Israelfoɔ nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri a wɔabɔ apansam. Esiane yɛn amumuyɛ enti, yɛn anim agu ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 9:7
34 Iomraidhean Croise  

Na nea yɛn nneyɛe bɔne ne yɛn asodi kɛse nti ɛbaa yɛn so no nyinaa akyi yi nso, wo, yɛn Nyankopɔn, woakyɛe yɛn so, woamma annu yɛn amumɔyɛ so, na woama yɛafi mu sɛ ɛte yi,


AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔtreneeni ne wo, efisɛ wɔagyaw yɛn nkae bi a wɔafi mu sɛ ɛte nnɛ yi; hwɛ, yɛwɔ w’anim, yɛn asodi mu; na eyi nti obi bi rentumi nnyina w'anim.


Nanso woteɛ wɔ nea ɛbaa yɛn so no nyinaa mu, na woadi nokware; na yɛn na yedi fɔ,


Ɔtreneeni ne wo, AWURADE, na w’atemmude nso teɛ.


Daa nyinaa m’ahohora da m’anim, na aniwu akata me so,


Onyankopɔn, me nkwagye Nyankopɔn, gye me fi mogya ho fɔ mu, na me tɛkrɛma ato wo trenee ho ahurusi dwom.


Wo nko ara na mafom wo, na mayɛ nea ɛyɛ w’ani so bɔne, na woadi bem wo kasam, na wo ho atew, w’atemmu mu.


Na da no, Awurade bɛteɛ ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkae a wɔaka afi Asaria ne Misraim ne Patros ne Etiopia ne Elam ne Sinear ne Hamat ne po mu nsupɔw mu.


Wɔn nyinaa ani bewu na wɔabɔ ahohora, ahonidwumfo nyinaa bɛbom abɔ ahohora.


AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a, wobedi bem ara; nanso me ne wo bɛkasa ara: Ɛdɛn nti na abɔnefo kwan si yiye na nkɔnkɔnsafo nyinaa nso ho dwo wɔn?


Ne bere so na wobegye Yuda nkwa, na Israel atena ase dwoodwoo, na eyi ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE yɛn trenee.


na mama wɔaguan wɔn ho ayɛ wɔn bɔne, asase so ahenni nyinaa mu, na wɔadannan ahohora ne akasabebui, mfefewayi ne nnome, baabiara a mesunsum wɔn makɔ;


Momma yɛnneda yɛn aniwu mu, na yɛn ahohora nkata yɛn so, sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne, yɛne yɛn agyanom, fi yɛn mmofraase de besi nnɛ, na yɛantie AWURADE, yɛn Nyankopɔn.


Israelfo ne Yudafo bɔne a wɔyɛe sɛ wɔde rehuru me bo no nyinaa nti, wɔn ne wɔn ahene, wɔn mmapɔmma, wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo ne Yuda mmarima ne Yerusalemfo.


Nna no mu na wobegye Yuda, na Yerusalem atena ase dwoodwoo, na nea wɔde bɛfrɛ no ni: AWURADE yɛn trenee.


Wɔasɔre ahyɛ no atwa ne ho ahyia sɛ mfuw awɛmfo, efisɛ watew me so atua, AWURADE asɛm ni.


So me na woyi me abufuw? AWURADE asɛm ni, so ɛnyɛ wɔn ho aniwu na wɔhyɛ?


nea ɛbɛyɛ na woakae, na w’ani awu, na w’aniwu nti woammue w’ano bio, sɛ makata nea woyɛe no nyinaa so mama wo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Ɛno na mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛe a enye no, na mo amumɔyɛ ne mo akyide no nti, mo ho ayɛ mo nwini, mo anim.


Enti wo mu na agyanom bedi mma nam, na mma adi wɔn agyanom nam, na mabu wo mu atɛn, na mabɔ wo nkae nyinaa mapete mframa nyinaa mu.


Nea ɔwɔ akyirikyiri bewu owuyare ano, na nea ɔbɛn nso bɛtɔ nkrante ano, na nea waka ne nea wɔakora no so bewu ɔkɔm ano, na m’anibere bewie wɔn so.


Enti na AWURADE nyaa bɔne ho ani de baa yɛn so, na AWURADE yɛn Nyankopɔn yɛ trenee, ne nneyɛe a ɔyɛe nyinaa mu, na yɛantie no.


Me Nyankopɔn, brɛ w’aso ase tie, bue w’aniwa na hwɛ yɛn amamfo ne kurow a wɔabɔ wo din wɔ so no, na ɛnyɛ yɛn trenee so na yɛde yɛn nkotɔsrɛ reba w’anim yi, na wo mmɔborohunu bebree nti,


AWURADE, yɛn na animguase wɔ yɛn, yɛn ahene, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom, sɛ yɛayɛ wo bɔne nti;


Na hwɛ, mɛhyɛ na masɔn Israel fi so amanaman nyinaa mu, sɛnea wɔsɔn ade so sɔnee mu, nanso awifua rentɔ fam.


Na aba bɛn na saa bere no munya fii nneɛma a afei de, mo ani wu ho no mu? Saa nneɛma no awiei ne owu.


Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.


Na AWURADE bɛpansam mo agu amanaman mu, na ɛbɛka mo mu kakraa bi wɔ wiase aman a AWURADE de mo bɛkɔ hɔ no mu;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan