Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 9:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na yɛantie wo nkoa adiyifo a wɔde wo din kasa kyerɛɛ yɛn ahene, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom ne asase no so man nyinaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Yɛantie wʼasomfo adiyifo a wɔkasaa wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo ne ahenemma ne agyanom ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na yɛantie wo nkoa adiyifoɔ a wɔde wo din kasa kyerɛɛ yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma ne yɛn agyanom ne asase no so man nyinaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yɛantie wʼasomfoɔ adiyifoɔ a wɔkasaa wɔ wo din mu kyerɛɛ yɛn ahemfo ne ahenemma ne agyanom ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 9:6
29 Iomraidhean Croise  

efisɛ wɔantie AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔtoo n’apam ne nea AWURADE akoa Mose hyɛe no nyinaa, na wɔantie na wɔanyɛ.


Na AWURADE kasa kyerɛɛ Manase ne ne man no, nanso wɔantie.


Efi yɛn agyanom bere so na asodi kɛse mu na yɛwɔ ara de abedu nnɛ yi, na yɛn amumɔyɛ no nti wɔayi yɛn, yɛn ahemfo ne yɛn asɔfo ahyɛ nsaase so ahemfo nsa wɔ afoa, nnommumfa ne ɔfow ne animguase mu, sɛ ɛte nnɛ yi.


Nanso wukuraa wɔn mfe pii, na wode wo honhom nam w’adiyifo so dii wɔn adanse: na wɔantie; ɛnna wode wɔn hyɛɛ nsaase so aman nsa.


Na afei, yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse, otumfo a wo ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe; mma ɔbrɛ a ɛtoo yɛn ne yɛn ahene ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfo ne yɛn adiyifo ne yɛn agyanom ne wo man nyinaa ara, efi Asaria ahene bere so de besi nnɛ da yi no nyinaa nnyɛ w’anim ketewa.


na yɛn ahene, yɛn mmapɔmma, yɛn asɔfo ne yɛn agyanom no anni wo mmara so, nanso wɔantie wo mmara nsɛm ne w’adanse a wudii wɔn no.


na muntie me nkoa adiyifo a meresoma wɔn mo nkyɛn a mitua ahema mesoma wɔn na moantie no nsɛm no a,


efisɛ wɔantie me nsɛm, AWURADE asɛm ni, sɛ mesomaa me nkoa adiyifo baa wɔn nkyɛn, mituaa ahema mesomaa wɔn, nso moantie, AWURADE asɛm ni.


Asɛm a woreka akyerɛ yɛn AWURADE din mu yi, yɛrentie wo,


Na afei, esiane sɛ moayɛ eyinom nyinaa, AWURADE asɛm ni, na matua ahema makasa makyerɛ mo, makasa na moantie, na mafrɛ mo nso na moannye so nti,


Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔfaa wɔn ankasa kwan so, dii wɔn koma bɔne denyɛ akyi, na wɔsan wɔn akyi, na wɔankɔ anim.


na yɛantie AWURADE yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛbɛnantew ne mmara a ɔnam ne nkoa adiyifo no so de sii yɛn anim no mu;


AWURADE yɛn Nyankopɔn na mmɔborohunu ne fafiri wɔ no, na yɛatew n’anim atua,


Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn abo, mpɛn ahe na anka mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano, sɛnea akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ!


Na esiane sɛ wɔn a wɔte Yerusalem ne wɔn mpanyimfo nnim no ne adiyifo nsɛm a wɔkenkan daa homeda no nti, wobuu no fɔ de maa nsɛm no baa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan