Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 9:5 - KYERƐW KRONKRON

5 yɛayɛ bɔne afom so adi abɔnefosɛm atew atua, yɛafi wo mmara nsɛm ne w’atemmude ho akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yɛayɛ bɔne, na yɛayɛ mfomso. Yɛabɔ atirimɔden na yɛatew atua; yɛakwati wo mmara ne wʼahyɛde.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 yɛayɛ bɔne, na yɛafom, yɛadi abɔnefosɛm, na yɛate atua, yɛafiri wo mmara nsɛm ne w’atemmudeɛ ho kɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yɛayɛ bɔne, na yɛayɛ mfomsoɔ. Yɛabɔ atirimuɔden na yɛate atua; yɛakwati wo mmara ne wo nhyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 9:5
31 Iomraidhean Croise  

efisɛ wɔantie AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔtoo n’apam ne nea AWURADE akoa Mose hyɛe no nyinaa, na wɔantie na wɔanyɛ.


efisɛ wɔayɛ m’ani so bɔne na wɔahuru me bo fi da a wɔn agyanom fii Misraim bae de besi nnɛ.


sɛ: Me Nyankopɔn, m’ani awu na ɛyɛ me fɛre sɛ mɛma m’ani so makyerɛ wo, me Nyankopɔn, efisɛ yɛn amumɔyɛ adɔɔso atra yɛn ti, na yɛn asodi aso akodu soro.


Yɛne yɛn agyanom ayɛ bɔne, yɛafom, yɛayɛ bɔne kɛse.


Memman mimfii w’atemmu ho ɛ, na wo na woakyerɛkyerɛ me.


Mafom kwan sɛ oguan a wayera, hwehwɛ w’akoa, na me werɛ mfi wo mmara nsɛm.


Na manantew AWURADE akwan so, na memfaa bɔne kwan bi so minnyaw me Nyankopɔn,


Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nguan, yɛdannan fofaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumɔyɛ kɔhwee no so.


Yɛato AWURADE mmara atwa no nkontompo, na yɛapa yɛn Nyankopɔn akyi; yɛkasa nhyɛso ne mfomso kasa, yesusuw atosɛm wɔ koma mu yi no adi.


Na efi tete bemee wɔntee, ɛnkɔɔ obi asom, aniwa nso nhui Onyankopɔn bi a odi ma nea n’ani da no so, gye wo nko.


O AWURADE, yɛahu yɛn abususɛm, ne yɛn agyanom amumɔyɛ, na yɛayɛ wo bɔne.


Sɛ yɛn amumɔyɛ kasa tia yɛn mpo a, AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biara; na yɛn nsanakyiri adɔɔso, wo na yɛayɛ wo bɔne.


Momma yɛnneda yɛn aniwu mu, na yɛn ahohora nkata yɛn so, sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne, yɛne yɛn agyanom, fi yɛn mmofraase de besi nnɛ, na yɛantie AWURADE, yɛn Nyankopɔn.


W’adɔfo nyinaa werɛ afi wo, wommisa w’akyi kwan. Na ɔtamfo pira na mapira wo, otirimmɔdenfo asotwe na mede matwe wo, w’amumɔyɛ dodow so, sɛ wo bɔne mu yɛ den nti.


Efi wɔn bɔne a wɔyɛe de huruu me bo; sɛ wɔkɔ kɔhyew aduhuam de som anyame foforo a wɔne mo ne mo agyanom nnim wɔn no nti.


Ɔtreneeni ne ɔno AWURADE, na me na matew n’anom asɛm ho atua. Amansan nyinaa, muntie, monhwɛ me yaw! Me mmabaa ne me mmerante kɔ nnommumfa mu.


AWURADE hwɛ m’awerɛhow yi! M’ayamde kyinkyim; me koma adan me yam; efisɛ matew atua kɛse, afoa twitwa me mma abɔnten so, na owu nso wɔ fie.


Yɛn ara na yɛato mmara na yɛatew atua, wo nso woamfa amfiri.


Na ɔtew m’atemmude ahi di abɔnefosɛm sen amanaman no, ne m’ahyɛde nso, sen nsaase a atwa ne ho ahyia no; na wɔapa m’atemmude, na wɔannantew m’ahyɛde mu.


Na mo mu nnipa a wobefi mu afi no bɛkae me, amanaman a wɔafa wɔn nnommum akɔ hɔ no mu, sɛ mabubu wɔn aguamammɔ koma a atwe afi me ho ne wɔn aniwa a edi wɔn abosom akyi aguamammɔ mu no; na wɔn ankasa ho bɛyɛ wɔn nwini, nnebɔne a wɔayɛ, wɔn akyide nyinaa mu no ho;


na Israel nyinaa ato wo mmara, na wɔmanee sɛ wɔrentie wo; na nnuabɔ ne ntam a wɔakyerɛw Onyankopɔn akoa Mose mmara mu no ahwie agu yɛn so, sɛ yɛayɛ no bɔne nti.


Na afei, Awurade yɛn Nyankopɔn a wode nsa a ɛyɛ den yii wo man fii Misraim asase so de agye din sɛ ɛte nnɛ yi, yɛayɛ bɔne, yɛadi asɛmmɔne.


AWURADE yɛn Nyankopɔn na mmɔborohunu ne fafiri wɔ no, na yɛatew n’anim atua,


Mfiase a AWURADE ne Hosea kasae no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa aguaman ne aguamammɔ mma, na aguaman na asase no afi AWURADE akyi rebɔ.


Efi mo agyanom bere so na mosan fii m’ahyɛde ho na moanni so. Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan maba mo nkyɛn, asafo Awurade na ose. Na moka se: Dɛn mu na yɛnsan?


Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan