Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 9:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na mebɔɔ AWURADE me Nyankopɔn mpae na mepaee mu mekae sɛ: O AWURADE, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a ɔkora apam ne adɔe so ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara so,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mebɔɔ Awurade me Nyankopɔn mpae, na mepaee mu kae se: “Awurade, wo a wo so na woyɛ Onyankopɔn nwonwani! Wo a wudi ɔdɔ apam so—ɔdɔ apam a woayɛ ama wɔn a wɔdɔ wo na wodi wo mmara so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na mebɔɔ AWURADE me Nyankopɔn mpaeɛ na mepaee mu mekaa sɛ: O AWURADE, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu a ɔkora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara soɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Mebɔɔ Awurade me Onyankopɔn mpaeɛ, na mepaee mu kaa sɛ: “Ao Awurade, wo a wo so na woyɛ Onyankopɔn nwanwani! Wo a wodi ɔdɔ apam so—ɔdɔ apam a woayɛ ama wɔn a wɔdɔ wo na wɔdi wo mmara so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 9:4
30 Iomraidhean Croise  

kae sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn bi nni ɔsoro a ɛwɔ atifi ne asase so ɛfam sɛ wo a wokora apam ne adɔe ma wo nkoa a wɔde wɔn koma nyinaa nantew w’anim no.


na sɛ me man a wɔabɔ me din wɔ wɔn so no, brɛ wɔn ho ase, na wɔbɔ mpae, na wɔhwehwɛ m’anim, na wɔsan fi wɔn kwammɔne no so a, me nso mefi soro matie, na mede wɔn bɔne makyɛ, na masa wɔn asase no yare.


Na Esra rebɔ mpae na ɔde osu ne fam da repae mu ka wɔ Onyankopɔn fi no anim no, Israel mu asafo kɛse pa ara a, mmarima, mmea ne mmofra boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn; na ɔman no suu osu kɛse.


na mise: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ wo ne wɔn a wodi wo mmara nsɛm so no!


Na afei, yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛse, otumfo a wo ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe; mma ɔbrɛ a ɛtoo yɛn ne yɛn ahene ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfo ne yɛn adiyifo ne yɛn agyanom ne wo man nyinaa ara, efi Asaria ahene bere so de besi nnɛ da yi no nyinaa nnyɛ w’anim ketewa.


Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumɔyɛ so. Mekae sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ AWURADE. Na wo na wode me bɔne so mmusu kyɛe.


na meyɛ mpem a wɔdɔ me na wodi me mmara nsɛm so adɔe.


Hu w’amumɔyɛ no nko, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no, na woabɔ anworaman akɔ ananafo nkyɛn, dua biara a esi frɔmm ase, na me nne de, muntiei, AWURADE asɛm ni.


na wɔbae bedii so no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; nea wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi.


Na Daniel tee sɛ wɔakurukyerɛw kyerɛw no, ɔkɔɔ ne fi, nso n’abansoro dan mu mfɛnsere a ɛkyerɛ Yerusalem abuebue, na ɔkotow ne nankoroma anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔ mpae da ase, ne Nyankopɔn anim sɛ ɔyɛ kan no ara.


Na mede m’anim mekyerɛɛ Awurade Nyankopɔn, sɛ mede mmuada ne atweaatam ne nso merepɛ mpaebɔ ne nkotɔsrɛ.


sɛ obehu yɛn agyanom mmɔbɔ, na wakae n’apam kronkron no:


Na yenim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, ade nyinaa di boa wɔn ma ewie wɔn yiye, wɔn a wɔnam n’atirimbɔ no so afrɛ wɔn no.


na meyɛ mpempem a wɔdɔ me na wodi me mmara nsɛm so adɔe.


Na sɛ mutie atemmude yi na mudi so yɛ a, AWURADE wo Nyankopɔn nso bedi apam ne adɔe a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so ama wo,


Mma wɔn anim nnyɛ wo hu, na AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu ne no.


Enti hu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn, Onyankopɔn nokwafo a ɔkora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so kosi awo ntoatoaso apem so,


Nhyira ne onipa a ɔtɔ ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ onya yɛ emu tɔtorɔtɔɔ a, obenya nkwa abotiri a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no.


Me nuanom adɔfo, muntie! So Onyankopɔn mpaw wiase ahiafo sɛ wɔnyɛ gyidi mu ahonyafo ne ahenni a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no difo?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan