Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 9:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na mede m’anim mekyerɛɛ Awurade Nyankopɔn, sɛ mede mmuada ne atweaatam ne nso merepɛ mpaebɔ ne nkotɔsrɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛno nti, mifuraa atweaatam de nsõ yɛɛ me ho dii mmuada. Afei mede nkotosrɛ kɔɔ Awurade Nyankopɔn anim kɔbɔɔ mpae srɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na mede m’ani too Awurade Nyankopɔn so, sɛ mede mmuada, ayitoma, nso ne nkotosrɛ bɛbɔ mpaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛno enti, mefiraa ayitoma de nsõ huraa me ho dii mmuada. Afei mede nkotosrɛ kɔɔ Awurade Onyankopɔn anim kɔbɔɔ mpaeɛ srɛɛeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 9:3
30 Iomraidhean Croise  

Na Dawid paa Onyankopɔn kyɛw maa abofra no; na Dawid bua dae na ɔkɔɔ mu kɔdaa fam anadwo no.


Na Esra sɔre fii Onyankopɔn fi no anim, na ɔkɔɔ Eliasib ba Yohanan pia mu. Na ɔkɔɔ hɔ no, wannidi, na nsu nso wannom, efisɛ odii atukɔfo no mfomso ho nkɔmmɔ.


Ɛnna mepaee mmuadadi wɔ Ahawa asu no so, sɛ yɛrebrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim ahwehwɛ ne hɔ ɔkwan trenee ama yɛn ne yɛn mma nkumaa ne yɛn nneɛma nyinaa,


Na anwummere afɔrebɔ mu no, mesɔre mifii m’awerɛhow no mu, nso na masunsuan m’atade ne me batakari mu, na mekotow me nankoroma anim metrɛw me nsam mekyerɛɛ AWURADE me Nyankopɔn


Na ɔsram yi da a ɛto so aduonu anan no, Israelfo no boaa wɔn ho ano hyiae mmuadadi ne ayitam mu, na wɔtwitwaa ntwoma.


Kohyia Yudafo a wohu wɔn Susan nyinaa boa ano, na me nti munni mmuada, na munnnidi na monnnom nnansa awia ne anadwo. Me nso, me ne me mmaawa bedi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara so; na sɛ miwu a, na mawu.


Enti na m’ani wu na minu me ho, dɔte ne nso mu.


Na me de, wɔyare a, mehyɛ atweaatam, mede mmuada mebrɛɛ me kra ase, na mebɔɔ mpae ma ɛsan beguu me kokom.


Na ɛda no, AWURADE, asafo AWURADE, frɛɛ nnipa baa osu ne adwotwa ne tikwawbɔ ne atweaatamfura mu,


Frɛ me, na megye wo so, na maka wo nsɛm akɛse ne nneɛma a ahintaw a wunhui ɛ.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Eyi bio na Israel fi bebisa me hɔ na mɛyɛ mama wɔn, mɛma wɔadɔɔso ayɛ nnipa pii, sɛ nguankuw;


Na Daniel tee sɛ wɔakurukyerɛw kyerɛw no, ɔkɔɔ ne fi, nso n’abansoro dan mu mfɛnsere a ɛkyerɛ Yerusalem abuebue, na ɔkotow ne nankoroma anim da koro mprɛnsa, na ɔbɔ mpae da ase, ne Nyankopɔn anim sɛ ɔyɛ kan no ara.


afe a obedii mu hene no, me, Daniel, memaa m’ani baa nhoma no mu mfirihyia dodow a AWURADE asɛm baa odiyifo Yeremia so sɛ ɔbɛma mfirihyia aduɔsɔn awie odu, Yerusalem amamfo so no so.


Na meda so merekasa na merebɔ mpae na mereka me bɔne ne me man Israel bɔne, na mede me nkotɔsrɛ mereto AWURADE me Nyankopɔn anim mama me Nyankopɔn bepɔw kronkron,


Na mebɔɔ AWURADE me Nyankopɔn mpae na mepaee mu mekae sɛ: O AWURADE, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a ɔkora apam ne adɔe so ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara so,


Asɔfo, mommɔ mo ho so na mommɔ bena, afɔremuka asomfo, muntwa adwo, me Nyankopɔn asomfo, mommra mmɛda ayitam mu anadwo nyinaa. Na aduan ayɛyɛde ne ahwiesa agyae mo Nyankopɔn fi ba.


Na afei nso, AWURADE na ose, monsan mmra me nkyɛn, mo koma nyinaa ne abuadadi ne osu ne adwotwa mu.


Ɛnna Niniwefo no gyee Onyankopɔn dii, na wɔpaee mmuadadi, na wofurafuraa ayitama fi wɔn mu nnipa akɛse so kosii wɔn mu akumaa so.


(Nanso saa ade yi ban de, entumi ntu, gye sɛ ɛnam mpaebɔ ne mmuada so.)


Na ɔyɛ okunafo a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia aduɔwɔtwe anan, na ɔmpa asɔrefi hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Nyankopɔn adesae ne adekyee.


Na Kornelio se: Nnanan ni, bɛyɛ dɔn yi mu ara, na merebɔ nnɔn abiɛsa mu mpae wɔ me fi; na hwɛ, ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn begyinaa m’anim,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan