Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 9:2 - KYERƐW KRONKRON

2 afe a obedii mu hene no, me, Daniel, memaa m’ani baa nhoma no mu mfirihyia dodow a AWURADE asɛm baa odiyifo Yeremia so sɛ ɔbɛma mfirihyia aduɔsɔn awie odu, Yerusalem amamfo so no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 afe a edi kan no, me, Daniel, metee ase fii kyerɛwsɛm mu sɛnea Awurade de maa Odiyifo Yeremia se, Yerusalem bɛda mpan mfirihyia aduɔson.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 a ɔbɛdii hene mu no, na me, Daniel, meredwendwen AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia hɔ sɛ ɔbɛma mfirinhyia aduɔson awie duru, Yerusalem amamfo soɔ no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 afe a ɛdi ɛkan no, me, Daniel, metee aseɛ firii atwerɛsɛm mu sɛdeɛ Awurade de maa Odiyifoɔ Yeremia sɛ, Yerusalem bɛda mpan mfirinhyia aduɔson.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 9:2
32 Iomraidhean Croise  

sɛ wɔmma AWURADE asɛm a ɔde Yeremia ano kae no mmra mu, sɛ enkosi sɛ asase no bedi ne home mfe no: Amamfoyɛ nna no nyinaa na ɛbɛhome akosi sɛ mfirihyia aduɔsɔn bewie du.


Na Persia hene Kores afe a edi kan mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a AWURADE asɛm a efi Yeremia anom no bɛba mu nti, AWURADE kanyan Persia hene Kores honhom, na ɔma wɔpaee mu kae n’ahenni nyinaa mu, na wɔkyerɛwee nso sɛ:


W’adansesɛm yɛ m’adɔde ara, na ɛyɛ m’agyinatufo.


Wo kronkronyɛ nkurow adan sare so, Sion adan sare so, Yerusalem ayɛ akurofo.


Hilkia ba Yeremia a ofi asɔfo a wɔwɔ Anatot, Benyamin asase so, no nsɛm ni.


Yerusalem ne Yuda nkurow ne emu ahene ne emu asafohene, sɛ wɔnyɛ amamfo, ahodwiriwde, fɛwdi ne nnome sɛ ɛte nnɛ da yi:


Mika a ofi Moreset hyɛɛ nkɔm Yuda hene Hesekia bere so, na ɔka kyerɛɛ Yuda man nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni: Wobefuntum Sion sɛ afuw, na Yerusalem adan afabo akuwakuw, na ofi no bepɔw no adan kwae mu sorɔnsorɔmmea.


ɛno de mɛyɛ ofi yi sɛ Silo, na mede kurow yi mɛyɛ nnome mama asase so amanaman nyinaa.


Na amanaman nyinaa bɛsom no ne ne ba ne ne ba ba ara akosi sɛ ɔno nso n’asase bere bedu, na amanaman bebree ne ahene akɛse ama wasom bi.


Na sɛ AWURADE se ni: Mfirihyia aduɔsɔn nya du ma Babel a, mɛba mabɛhwɛ mo, na mama m’asɛmpa no aba mu ama mo, sɛ mede mo mɛsan aba ha yi.


Na megu Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmorɔn so ahosɛpɛw nne ne anigye nne, ayeforokunu nne ne ayeforo nne, efisɛ asase no bɛdan amamfo.


Ao, kurow a anka emu nkurɔfo dɔɔso no, ne nko ara te hɔ dɛn ni? Nea anka ɔso amanaman mu no, wayɛ sɛ okunafo. Nea odi nsaase horow so hemmaa no, wayɛ nea oyi tow.


Onipa nan remfa so na aboa nan remfa so na wɔrentena so mfirihyia aduanan.


Na mede m’anim mekyerɛɛ Awurade Nyankopɔn, sɛ mede mmuada ne atweaatam ne nso merepɛ mpaebɔ ne nkotɔsrɛ.


Ne saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuw, na Yerusalem adan abo akuakuw, na ofi no bepɔw adan kwae sorɔnsorɔmmea.


Ɛnna Awurade bɔfo no buae sɛ: Asafo Awurade, enkosi da bɛn na wo yam renhyehye wo mma Yerusalem ne Yuda nkurow a wo bo ahuru ahyɛ wɔn mfirihyia aduɔsɔn ni no?


Bisa asase no so aman nyinaa ne asɔfo no sɛ: Mokyen kɔm na mudii nkɔmmɔ, ɔsram a ɛto so anum ne nea ɛto so ason so, mfe aduɔsɔn yi no, mokyen maa me anaa?


Enti sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no, sɛ egyina kronkronbea hɔ a, (nea ɔrekenkan no, ma ɔnte ase!)


Na sɛ muhu akyiwade a ɛbɔ ɔman no sɛ egyina nea ɛnsɛ no a, (ma nea ɔkenkan no nte ase!) Ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so;


Na opiani no buaa Filipo sɛ: Mesrɛ wo, hena ho asɛm na odiyifo no ka yi? N’ankasa anaa obi ho asɛm?


Bata akenkan, afotu ne nkyerɛkyerɛ ho kosi sɛ mɛba.


Nhyira ne nea ɔkekan ne wɔn a wotie adiyi nsɛm no, na wɔde nea wɔakyerɛw wɔ mu no sie; na ɛbere no abɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan