Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 8:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na abɛn ketewa biako fi emu biako mu bae, na ɛyɛɛ kɛse boroo so kyerɛɛ nifa fam ne apuei ne asase fɛfɛ no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Abɛn foforo bi puee wɔ mmɛn akɛse no mu baako ho. Efii ase kakraa bi, na ne tumi yɛɛ kɛse kɔɔ anafo ne apuei fam, de kɔɔ Asase Fɛɛfɛ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na abɛn ketewa baako firi emu baako mu bae, na ɛyɛɛ kɛseɛ boroo so kyerɛɛ anafoɔ fam ne apueeɛ ne asase fɛfɛ no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Abɛn foforɔ bi pueeɛ mmɛn akɛseɛ no mu baako ho. Ɛhyɛɛ aseɛ kakraa bi, na ne tumi yɛɛ kɛseɛ kɔɔ anafoɔ ne apueeɛ fam, de kɔɔ Asase Fɛɛfɛ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 8:9
12 Iomraidhean Croise  

Na ɔmaa ne man ase fɛee bebree, na ɔma wɔyɛɛ den sen wɔn ahohiafo.


Tenabea a ɛyɛ fɛ, asase nyinaa anika, ɛne Sion bepɔw, benkum fam twɔtwɔw no, ɔhenkɛse kurow no.


Na mise: Mede wo mesi me mma mu, na mede asase a ɛyɛ fɛ, amanaman asafo anuonyam apɛgyade, mama wo. Na mise: Mobɛfrɛ me sɛ: M’agya, na morensan mfi m’akyi bio.


Nanso memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn sare so sɛ meremfa wɔn menkɔ asase a memae a ɛsen nufusu ne ɛwo a ɛyɛ nsaase nyinaa ahyehyɛde no so,


ɛda no na memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn, sɛ merebeyi wɔn afi Misraim asase so mede wɔn makɔ asase a mepɛe memaa wɔn a ɛsen nufusu ne ɛwo a ɛyɛ nsaase nyinaa ahyehyɛde no so,


Na nea ɔba no so no bɛyɛ sɛnea ɔpɛ, na obi nni hɔ a obegyina n’anim; na obegyina asase fɛfɛ no so, na ɔde ne nsa asɛe no.


Na ɔhohorani bi bɛsɔre asi n’ananmu a wɔmfaa ahenni mu anuonyam mmaa no; na obefi mpaase aba de tɛkrɛmakyene abɛfa ahenni no.


Merehwɛ mmɛn no no, hwɛ, abɛn ketewa foforo bi puei ɛnonom ntam, na kan mmɛn no mu abiɛsa ase tutui ɛno anim, na hwɛ, aniwa a ɛte sɛ onipa aniwa wɔ abɛn no ho ne ano a ɛkeka nsɛnkɛse.


Na mede ahum mɛfa wɔn akɔ amanaman a wonnim wɔn nyinaa mu, na wɔn akyi asase no adan afo, na obiara amfa so ankɔ ansan amma, na wɔama asase fɛfɛ no adan afo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan