Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 8:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔpapo no yɛɛ kɛse kokuroo, na ɔyɛɛ den no, abɛn kɛse no bui, na mmɛn anan a wohwɛ a, ɛsosoe fifii ananmu kyerɛkyerɛɛ ɔsoro mframa anan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔpapo no bɛyɛɛ oniɔdenfo kɛse. Nanso, nʼaniɔden no duu ne mpɔmpɔnso no, nʼabɛn kɛse no bui, na nʼanan mu no, mmɛn akɛse anan fifii a ɛkyerɛkyerɛ ɔsoro mframa anan no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔpapo no yɛɛ kɛse kokuroo kɔduruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, abɛn kɛseɛ no bui, na mmɛn nnan a wɔhwɛ a, ɛsosoo fifirii ananmu kyerɛkyerɛ ɔsoro mframa nnan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔpapo no bɛyɛɛ ɔniɛdenfoɔ kɛseɛ. Nanso, nʼaniɛden no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, nʼabɛn kɛseɛ no buiɛ, na nʼanan mu no, mmɛn akɛseɛ ɛnan fifiriiɛ a ɛkyerɛkyerɛ ɔsoro mframa ɛnan no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 8:8
19 Iomraidhean Croise  

Na ne ho yɛɛ den no, ɛhoran no ma ɔsɛee, na ɔfom AWURADE ne Nyankopɔn, na ɔhyɛn AWURADE asɔredan mu sɛ ɔrekɔhyew aduhuam, aduhuamhyew muka no so.


Na Mordekai yɛ onipa kɛse ɔhene no fi, na ne nka hyetaa nsase no nyinaa so, na ɔbarima Mordekai no kɔɔ so yɛɛ kɛse ara.


na mede mframa anan mefi ɔsoro afanan maba Elam so, na mabɔ wɔn mapete mframa yi nyinaa mu, na ɔman bi nni hɔ a Elam mpanyimfo remma hɔ;


Sɛ nnomaa hyɛ kyerɛnkyɛ ma no, sɛ nsisi ayeyɛ wɔn afi mu amaama ne no; enti wɔayɛ akɛse na wɔanya wɔn ho.


Meyɛɛ wo dodow mpem huhaa sɛ wuram mfefɛwee, na wodɔe yɛɛ kɛse, na w’ahoɔfɛ boroo so, wo mpokua bobɔe na wo nwi fuwii; nanso wonam adagyaw ne kwaterekwa.


So wobɛkɔ so aka sɛ: Meyɛ onyame, wɔ nea okum wo no anim? Nso wo de, woyɛ onipa na wonyɛ onyame, nea ohwirew wo mu no nsam.


Na ogyina a, n’ahenni bɛbɔ, na wɔakyɛ mu akɔ ɔsoro mframa anan no mu, nanso wɔremfa mma n’asefo, na ɛrenyɛ sɛ ne tumi a ɔde dii hene no; na wobetutu n’ahenni no de ama afoforo, na ɛnyɛ eyinom.


Ansa na asɛm no befi ɔhene anom no, ɛnne bi fi soro bae sɛ: Wo ɔhene Nebukadnesar, wɔka kyerɛ wo sɛ: Ahenni no atu afi wo nsam;


Na ne koma maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den ahantan mu no, wotuu no fii n’ahengua no so, na woyii n’anuonyam fii ne ho;


Daniel fii ase sɛ: Mihuu m’ani so ade anadwo, na hwɛ, ɔsoro mframa anan tu bɔe ɛpo kɛse no so.


Eyi akyi mede hwɛ ara, na aboa foforo a ɔte sɛ ɔsebɔ, na ɔwɔ anomaa ntaban anan, na aboa no wɔ ti anan, na wɔmaa no tumi.


na nea ebui a anan fifii sii ananmu no, ahenni anan bɛsɔre ɔman no mu, nso ennu kan de no ahoɔden.


Na m’ani gu so rehwɛ no, hwɛ, ɔpapo bi fi atɔe bae a ɔnam asase nyinaa ani, na ne ho nka fam, na ɔpapo no wɔ abɛn a wohwɛ a, ɛso, n’ani ntam.


Na mihuu no sɛ oduu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree no so, na osii odwennini no bubuu ne mmɛn abien no, na ahoɔden bi nni odwennini no mu sɛ obegyina n’anim, na ɔtow no kyenee fam, na otiatiaa no so, na obi nni hɔ a obeyi odwennini no afi ne nsam.


Na ɔbɛsoma n’abɔfo ama wɔde torobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afi mframa anan no mu afi ɔsoro ano akɔpem ano.


Ɛno na ɔbɛsoma n’abɔfo, na wɔakɔboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afi mframa anan no mu, afi asase ano akɔpem ɔsoro ano.


Na mede wɔn medu asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn agyanom a ɛsen nufusu ne ɛwo no so, na wobedidi amee na wɔayɛ akɛse, na wɔaman akɔ anyame foforo nkyɛn akɔsom wɔn, na wɔapo me na wɔato m’apam.


Eyi akyi no mihuu abɔfo baanan a wogyinagyina asase afanan no ano kurakura asase mframa anan no mu, na mframa ammɔ amfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan