Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 8:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na mihuu no sɛ oduu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree no so, na osii odwennini no bubuu ne mmɛn abien no, na ahoɔden bi nni odwennini no mu sɛ obegyina n’anim, na ɔtow no kyenee fam, na otiatiaa no so, na obi nni hɔ a obeyi odwennini no afi ne nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔpapo no sii ntɔkɔnan a emu yɛ den, na ɔpem Odwennini no bubuu ne mmɛn abien no. Odwennini no yɛɛ mmerɛw na wantumi annyina ɔpapo no anim; enti ɔpapo no pem no hwee fam, tiatiaa no so, na obiara antumi annye no amfi ne nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na mehunuu no sɛ ɔduruu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree ne so, na ɔpem odwennini no bubuu ne mmɛn mmienu no, na ahoɔden biara nni odwennini no mu sɛ ɔbɛgyina n’anim, na ɔtoo no twenee fam, na ɔtiatiaa ne so, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye odwennini no afiri ne nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔpapo no sii ntɔkwanan a emu yɛ den, na ɔpem odwennini bubuu ne mmɛn mmienu no. Odwenini no yɛɛ mmerɛ na wantumi annyina ɔpapo no anim; enti ɔpapo no pem no hwee fam, tiatiaa no so, na obiara antumi annye no amfiri ne nsa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 8:7
8 Iomraidhean Croise  

Na anafo fam hene no ani bɛbre, na obefi aba ne ɔno atifi fam hene no abɛko; na ɔde asafo yuu kɛse begyina hɔ, na wɔde asafo yuu no ahyɛ ne nsa;


Na mmoa a aka no nso, wogyee wɔn tumi, nanso wɔhyɛɛ wɔn bere ne dɔn a wɔn nkwa nna nkodu.


Eyi akyi no mehwɛe ara anadwo adehu mu, na aboa a ɔto so anan a ne ho yɛ hu ne nwonwa na ɔyɛ den boro so ni; ɔwɔ dade se akɛse, na odidi kekaw mu de n’anan pɛtɛw nkae, na ɛsono no ne mmoa a wodii n’anim nyinaa, na ɔwɔ mmɛn du.


na ɛsoe kɔpem ɔsoro asafo, na ɛtotow asafo no bi ne nsoromma no bi guguu fam, na otiatiaa wɔn so;


Na ɔbaa odwennini a ɔwɔ mmɛn abien a mihuu no sɛ ogyina asu no ano no ho, na ɔde n’ahoɔden tuu mmirika hyiaa no.


Na ɔpapo no yɛɛ kɛse kokuroo, na ɔyɛɛ den no, abɛn kɛse no bui, na mmɛn anan a wohwɛ a, ɛsosoe fifii ananmu kyerɛkyerɛɛ ɔsoro mframa anan.


na wɔakyere tɔw ahwe ase sɛnea wɔreguan nkrante anim, bere a obi ntaa wɔn; na morennya mo atamfo anim agyinaye.


Na Ai mmarima no dannan wɔn ani hwɛɛ wɔn akyi no, na hwɛ, kurow no mu wusiw retu kɔ ɔsoro, na wonnya ɔkwan nguan nkɔ ha anaa ha. Na nnipa a woguan kɔɔ sare so no dannan wɔn ho behyiaa atiwfo no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan