Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 8:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na m’ani gu so rehwɛ no, hwɛ, ɔpapo bi fi atɔe bae a ɔnam asase nyinaa ani, na ne ho nka fam, na ɔpapo no wɔ abɛn a wohwɛ a, ɛso, n’ani ntam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Bere a migu so redwen eyi ho no, prɛko pɛ, ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn kɛse bi a etua nʼani abien no ntam pue fii atɔe fam, twaa mu faa asase no nyinaa so a ne nan mpo nka fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na m’ani gu so rehwɛ no, hwɛ, ɔpapo bi firi atɔeɛ bae a ɔnam asase nyinaa ani, na ne ho nka fam, na ɔpapo no wɔ abɛn a wɔhwɛ a, ɛso, n’ani ntam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛberɛ a megu so redwene yie ho no, prɛko pɛ, ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn kɛseɛ bi a ɛtua nʼani mmienu no ntam pue firii atɔeɛ fam, twaam faa asase no nyinaa so a ne nan mpo nka fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 8:5
7 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene dɔmmarima bi bɛsɔre, na ɔde tumi kɛse bedi hene, na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ.


Ohoni no ni: Ne ti yɛ sika pa, ne koko ne n’abasa yɛ dwetɛ, ne yafunu ne n’asen yɛ kɔbere;


Na w’akyi na ahenni foforo bɛsɔre a ennu wo de no ananmu, ne ahenni foforo a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ kɔbere a ebedi asase nyinaa so.


Eyi akyi mede hwɛ ara, na aboa foforo a ɔte sɛ ɔsebɔ, na ɔwɔ anomaa ntaban anan, na aboa no wɔ ti anan, na wɔmaa no tumi.


na ɔpapo a ɔyɛ keka no ne Hela hene; na abɛn kɛse a ɛwɔ n’ani ntam no ne ɔhene a odi kan;


Na ɔbaa odwennini a ɔwɔ mmɛn abien a mihuu no sɛ ogyina asu no ano no ho, na ɔde n’ahoɔden tuu mmirika hyiaa no.


Na ɔpapo no yɛɛ kɛse kokuroo, na ɔyɛɛ den no, abɛn kɛse no bui, na mmɛn anan a wohwɛ a, ɛsosoe fifii ananmu kyerɛkyerɛɛ ɔsoro mframa anan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan