Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 8:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Mihuu odwennini no sɛ ɔresisi akɔ atɔe ne benkum fam ne nifa fam, na aboa biara ntumi nnyina n’anim, na obi nni hɔ a obegye obi afi ne nsam, na ɔyɛ sɛnea ɔpɛ, na odi akokurokosɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mehwɛɛ Odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔe, atifi ne anafo fam. Na aboa biara ntumi nnyina nʼanim, na obiara nni hɔ a obetumi agye obi foforo afi ne nsam. Ɔyɛɛ nea ɔpɛ, na ɔyɛɛ ɔkɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Mehunuu odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔeɛ ne atifi fam ne anafoɔ fam, na aboa biara ntumi nnyina n’anim, na obi nni hɔ a ɔbɛgye obi afiri ne nsam, na ɔyɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na ɔdi akokurokosɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Mehwɛɛ odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔeɛ, atifi ne anafoɔ fam. Na aboa biara ntumi nnyina nʼanim, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi agye obi foforɔ afiri ne nsa mu. Ɔyɛɛ deɛ ɔpɛ, na ɔyɛɛ kɛseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 8:4
18 Iomraidhean Croise  

Na Kenaana ba Sedekia ayɛ dade mmɛn, na ɔkae sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Eyinom na wode besum Siriafo de akosi sɛ wobewie wɔn sɛe.


Nanso wunim sɛ menyɛ ɔbɔnefo, na obi nni hɔ a obegye wo nsam.


Wo so na yɛnam sum yɛn ahohiafo gu, wo din mu na yetiatia wɔn a wɔsɔre hyɛ yɛn no so.


Mo a mo werɛ fi Nyankopɔn no, munnwen eyi ho ɛ, na mantetew mo asinasin a ogyefo bi nni hɔ.


Na wɔansunsuan me kra sɛ gyata antetew me a ogyefo bi nni hɔ.


Esiane sɛ mode mfem ne mmati sunsum na mode mo mmɛn sisi ayarefo nyinaa kosi sɛ mopansam wɔn kɔ akyiri nti,


Na nea ɔba no so no bɛyɛ sɛnea ɔpɛ, na obi nni hɔ a obegyina n’anim; na obegyina asase fɛfɛ no so, na ɔde ne nsa asɛe no.


Na ɔhene no bɛyɛ nea ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so adi onyame biara so akokurokosɛm, na ɔbɛka anwonwasɛm atia nyame mu Nyame no, na ebesi no yiye akosi sɛ wobeyi abufuw no adi awie; na nea wɔahyɛ no pintinn no, wɔbɛyɛ.


na tumi a ɔmaa no no nti, aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa ho popoe, na wosuroo n’anim; nea ɔpɛ no, okum no, na nea ɔpɛ no, ɔma ɔtena ase; na nea ɔpɛ no, ɔma no so, na nea ɔpɛ no, ɔbrɛ no ase.


Anadwo no ara na wokum Kaldeafo hene Belsasar.


Na hwɛ, aboa foforo a oto so abien te sɛ osisi na ogyina hɔ tɔ kɔ ɔfa biako so, na mparow abiɛsa hyɛ n’anom ne se ntam, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre di nam bebree!


Na mihuu no sɛ oduu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree no so, na osii odwennini no bubuu ne mmɛn abien no, na ahoɔden bi nni odwennini no mu sɛ obegyina n’anim, na ɔtow no kyenee fam, na otiatiaa no so, na obi nni hɔ a obeyi odwennini no afi ne nsam.


Na Yakob nkae no bɛyɛ sɛ gyata wɔ kwae mu mmoa mu amanaman bebree a atwa ahyia no mu, sɛ gyataforo wɔ nguankuw no mu sɛ ɔsen ba a otiatia so, na ɔtetew mu a ogyefo bi nni hɔ.


Ne nantwinini abakan, anuonyam wɔ no, na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn; ɛno na ɔde besunsum aman nyinaa agu akodu asase ano. Efraim dodow ne no, na Manase mpem ne no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan