Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 8:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ odwennini a ɔwɔ mmɛn abien gyina asu no ano, na mmɛn no wowaree, na biako ware sen biako, na nea ɛware no na efi dii akyiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Memaa mʼani so no, mihuu Odwennini a ɔwɔ mmɛn atenten abien na ogyina suka no ho wɔ mʼanim. Na ne mmɛn no woware. Na ne mmɛn no baako ware sen baako, nanso nea ɛware no, akyiri no, enyinii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu gyina asuo no ano, na mmɛn no woware, na baako ware sene baako, na deɛ ɛwareɛ no na ɛdii akyire firiiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Memaa mʼani so no, mehunuu odwennini a ɔwɔ mmɛn atentene mmienu na ɔgyina nsuka no ho wɔ mʼanim. Na ne mmɛn no woware. Na ne mmɛn no baako ware sene baako, nanso deɛ ɛware no na ɛnyinii akyire koraa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 8:3
25 Iomraidhean Croise  

Na Dawid maa n’ani so na ohuu AWURADE bɔfo no sɛ ogyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afoa a watwe kura ne nsam, na wateɛ Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanyimfo a wofurafura ayitama no de wɔn anim butubutuw fam.


Sɛ Persia hene Kores se ni: AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn no, de asase so ahenni nyinaa ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ minsi ofi memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda.


Na wɔbobɔɔ agyinatufo paa ma wɔhyɛɛ Yuda mma no ahometew wɔ adansi no nhyehyɛe ho fi, Persia hene Kores nna nyinaa de kosii Persia hene Dario ahenni so.


n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, ɔtow ne mmapɔmma nyinaa ne ne nkoa pon, a Persia ne Media dɔm so atumfo ne mmakoma ne amantam no so asafohene wɔ n’anim.


Hwɛ, merehwanyan Mediafo mahyɛ wɔn, nnipa a wommu dwetɛ, na sika nso, wɔnhwehwɛ;


Anisoadehu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me: Ɔfowfo refow na ɔsɛefo resɛesɛe. O Elam, foro bra! Media, bɛka no hyɛ mu! Mɛma n’apinisi nyinaa to atwa.


Nea ɔka Kores ho sɛ: Me guanhwɛfo ni, na ɔbɛma nea ɛsɔ m’ani nyinaa aba mu, na waka Yerusalem ho sɛ: Wɔnkyekye! Na asɔrefi nso: Wɔnhyɛ ase!


Monsew agyan no, munso akyɛm mu! AWURADE ahwanyan Media ahene honhom, na wabɔ Babel ho atirimpɔw sɛ ɔbɛsɛe no, efisɛ AWURADE aweretɔ, n’asɔrefi aweretɔ ne no.


Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi a ofura nwera na Ufas sika bɔ n’asen ni;


Na w’akyi na ahenni foforo bɛsɔre a ennu wo de no ananmu, ne ahenni foforo a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ kɔbere a ebedi asase nyinaa so.


Na Mediani Dario faa ahenni no, na wadi mfe aduosia abien.


Na Daniel yi dii yiye Dario ahenni ase ne Persiani Kores ahenni ase.


Na hwɛ, aboa foforo a oto so abien te sɛ osisi na ogyina hɔ tɔ kɔ ɔfa biako so, na mparow abiɛsa hyɛ n’anom ne se ntam, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre di nam bebree!


Na mihui anisoadehu mu, na mihui no, na mewɔ Susan ahemfi a ɛwɔ Elam asase so no mu; na mihui anisoadehu mu, na mewɔ asu Ulai ho.


Odwennini a wuhuu no a ɔwɔ mmɛn abien no ne Media ne Persia ahene;


Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, mmɛn anan ni.


Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi a okura susuhama ne nsam ni.


Na mesan memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, nhoma mmobɔwee a etu ni.


Ɛnna ɔbɔfo a ɔne me kasae no fii adi na obisaa me sɛ: Ma w’ani so hwɛ ɛ, dɛn na efi adi yi?


Ɛnna memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, mmea baanu refi adi, na mframa wɔ wɔn ntaban mu; na wɔn de, wɔwowɔ ntaban sɛ asukɔnkɔn ntaban, na wɔbɛsoaa olonka no faa asase ne ɔsoro ntam.


Na mesan memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ na nteaseɛnam anan fi mmepɔw abien no ntam reba, na mmepɔw no yɛ kɔbere mmepɔw.


Na Bileam maa n'ani so, na ohuu Israel sɛ wogu hɔ mmusua mmusua; na Onyankopɔn honhom baa no so,


Na Yosua wɔ Yeriko ho no, ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi gyina ne ntentenso kura nkrante a watwe. Na Yosua kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn afa na wowɔ anaa yɛn atamfo afa?


Na mihuu aboa foforo bi a ofii asase mu bae, na ɔwɔ mmɛn abien sɛ oguammaa, na ɔkasa sɛ ɔtweaseɛ.


Na mehwɛe, na ahengua no ne ateasefo baanan no ntam ne mpanyimfo no ntam no, oguammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛ wɔakum no. Ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a ɛyɛ Onyankopɔn ahonhom ason a wɔasoma wɔn akɔ asase nyinaa so no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan