Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 8:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na mihui anisoadehu mu, na mihui no, na mewɔ Susan ahemfi a ɛwɔ Elam asase so no mu; na mihui anisoadehu mu, na mewɔ asu Ulai ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mʼanisoadehu mu no, mihuu sɛ na mewɔ Susa abanwa a ɛwɔ Elam mantam no mu; na mʼanisoadehu mu no, na mewɔ Asuka Ulai ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na mehunuu no anisoadehunu no mu sɛ, na mewɔ Susa ahemfie a ɛwɔ Elam asase soɔ no mu. Na mehunuu no anisoadehunu no mu bio sɛ, na mewɔ Asuo Ulai ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mʼanisoadehunu mu no, mehunuu sɛ na mewɔ Susa abankɛsewa a ɛwɔ Elam mantam; na mʼanisoadehunu mu no, na mewɔ Nsuka Ulai ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 8:2
24 Iomraidhean Croise  

Sem mma ne Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.


Na Sinear hene Amrafel, Elasar hene Ariok, Elam hene Kedorlaomer ne Goiim hene Tideal bere so,


Hakalia ba Nehemia nsɛm ni. Na ɔsram Kislew afe a ɛto so aduonu no mu a mewɔ Susan aban mu no,


Saa bere no na, ɔhene Ahas-weros te n’ahengua a ɛwɔ Susan abankɛse no mu no so,


Na wɔtee ɔhene no asɛm ne ne mmara no, wohyiahyiaa mmabaa pii baa Susan ahenkurow a ɛhyɛ Hegai ase no mu, na wɔde Ester nso baa ɔhene fi de no bɛhyɛɛ mmea no hwɛfo Hegai nsa.


Na awɛmfo no fi kɔe ntɛmntɛm sɛnea ɔhene kae no, na wɔhyɛɛ mmara no Susan ahenkurow mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susan kurow no mu ayɛ bisibasaa.


Na Ester se: Onipa ɔhohiahiafo ne ɔtamfo no ne Haman otirimmɔdenfo yi. Ɛnna nketenkete kitaa Haman, ɔhene ne ɔhemmea no anim.


Na Mordekai fii adi fii ɔhene no anim no, na ɔhyɛ ahentade bibiri ne fufu ne sika abotiri kɛse no ne nwera pa ne ɔtankɔkɔɔ atade yuu. Na Susan kurow no dii ahurusi, na wɔn ani gyei.


Da no ara nnipa a wokunkum wɔn Susan ahenkurow mu no dodow beduu ɔhene no asom.


Na Yudafo a wɔwɔ Susan no boaboaa wɔn ho ano ɔsram Adar [a ɛte sɛ Ɔbɛnem] da a ɛto so dunan nso, na wokunkum mmarima ahasa Susan. Na afow ade no de, wɔamfa wɔn nsa anka.


Na da no, Awurade bɛteɛ ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkae a wɔaka afi Asaria ne Misraim ne Patros ne Etiopia ne Elam ne Sinear ne Hamat ne po mu nsupɔw mu.


Anisoadehu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me: Ɔfowfo refow na ɔsɛefo resɛesɛe. O Elam, foro bra! Media, bɛka no hyɛ mu! Mɛma n’apinisi nyinaa to atwa.


ne Simri ahene nyinaa ne Elam ahene nyinaa ne Media ahene nyinaa,


Na afe a ɛto so aduasa, ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so anum no, na mewɔ atukɔfo no mu, asu Kebar ho, na ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn hɔ anisoade.


Ɛhɔ na Elam ne n’asafo yuu nyinaa wɔ, wɔn adamoa atwa ne ho ahyia; wɔahwirew wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrante ano, momonotofo a wɔasian kɔ asase ase tɔnn a woyii nnipa hu, ateasefo asase so no, na wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no asoa wɔn ahohora.


Na ɔsram a edi kan no da a ɛto so aduonu anan no na mewɔ asu kɛse Hidekel [a ɛne Tigris] ano.


Me, Daniel, me honhom fontan me, me honam mu, na anisoadehu no haw me.


Daniel fii ase sɛ: Mihuu m’ani so ade anadwo, na hwɛ, ɔsoro mframa anan tu bɔe ɛpo kɛse no so.


Ɔhene Belsasar ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, anisoadehu bi yii ne ho kyerɛɛ me, Daniel, kan de a eyii ne ho kyerɛɛ me no akyi.


Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ odwennini a ɔwɔ mmɛn abien gyina asu no ano, na mmɛn no wowaree, na biako ware sen biako, na nea ɛware no na efi dii akyiri.


Na ɔkae sɛ: Muntie me nsɛm a sɛ AWURADE diyifo bi wɔ mo mu a, adehu mu na mema ohu me, ɔdae mu na mekasa mekyerɛ no:


Onyankopɔn a tete no ɔnam mmere horow ne akwan horow so, nam adiyifo kasa kyerɛɛ agyanom no,


Na sɛnea mihuu apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so no, anisoadehu no mu ni: Wɔwɔ ogya ne afasebiri ne sufre nkatabo, na apɔnkɔ no ti tete sɛ gyata ti, na ogya ne wusiw ne sufre fifi wɔn anom.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan