Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 8:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na wɔde dɔm sii hɔ hyɛɛ daa som no mmarato mu, na ɔtow nokware kyenee fam, na ɔyɛɛ ade, na odii yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Esiane atuatew no nti, wɔde ahotefo asafo no ne wɔn daa daa afɔre maa no. Na wɔtow nokware kyenee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔde dɔm sii hɔ hyɛɛ daa som no mmarato mu, na ɔtoo nokorɛ twenee fam, na ɔdii yie wɔ adeɛ a ɔyɛɛ no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Esiane atuateɛ no enti, wɔde ahotefoɔ asafo no ne wɔn daa daa afɔdeɛ maa no. Na wɔtoo nokorɛ tweneeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 8:12
14 Iomraidhean Croise  

Amimfo ntamadan si hɔ dwoodwoo, na wɔn a wohuru Onyankopɔn bo te hɔ komm, wɔn a wokura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no.


Wo trenee yɛ daa trenee, na wo mmara yɛ nokware.


Na nyi nokwasɛm no mfi m’anom koraa, na w’atemmude so na m’ani da.


Efisɛ wɔn ani nni AWURADE nneyɛe ne ne nsa ano nnwuma so: Obedwiriw wɔn, na ɔrento wɔn nsi hɔ.


Na wɔde atemmu asan akyiri kɔ, na trenee akogyina akyirikyiri; na nokware ahwe ase gua so, na nea ɛteɛ ntumi mma mu.


AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a, wobedi bem ara; nanso me ne wo bɛkasa ara: Ɛdɛn nti na abɔnefo kwan si yiye na nkɔnkɔnsafo nyinaa nso ho dwo wɔn?


Na ɔde ahode kɛse bɛsan akɔ n’asase so, nanso n’ani bɛsa apam kronkron no ara, na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ, na wasan akɔ n’asase so.


mehwɛe na saa abɛn no ne ahotefo dii ako, na etumii wɔn,


Mihuu odwennini no sɛ ɔresisi akɔ atɔe ne benkum fam ne nifa fam, na aboa biara ntumi nnyina n’anim, na obi nni hɔ a obegye obi afi ne nsam, na ɔyɛ sɛnea ɔpɛ, na odi akokurokosɛm.


Na wɔmaa no kwan sɛ ontu ahotefo so sa na onni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa horow ne aman nyinaa so tumi.


Na Dawid huu sɛ Saul rebɔ ne ho pɔw bɔne no, ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar sɛ: Fa asɔfotade no bra.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan