Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 8:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Ɔhene Belsasar ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, anisoadehu bi yii ne ho kyerɛɛ me, Daniel, kan de a eyii ne ho kyerɛɛ me no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene Belsasar adedi mfe abiɛsa so, me, Daniel, minyaa anisoadehu foforo bi a na edi nea ada ne ho adi akyerɛ me dedaw no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Ɔhene Belsasar ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii anisoadehunu bi kyerɛɛ me, Daniel, akane deɛ a wɔyi kyerɛɛ me no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔhene Belsasar adedie mfeɛ mmiɛnsa so, me, Daniel, menyaa anisoadehunu foforɔ bi a na ɛdi deɛ ada ne ho adi akyerɛ me dada no akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 8:1
11 Iomraidhean Croise  

Na afe a ɛto so aduasa, ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so anum no, na mewɔ atukɔfo no mu, asu Kebar ho, na ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn hɔ anisoade.


Na mmerantewa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nhoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne anitew, na Daniel nyaa anisoadehu ne adae nyinaa mu nhumu.


Nna no mu na me, Daniel, me werɛ howee adapɛn abiɛsa;


Na me, Daniel, nko na mihuu anisoade no, na mmarima a ɛka me ho no anhu ade no, nanso ehu kɛse kaa wɔn, na woguan kohintawee.


Na ogyina a, n’ahenni bɛbɔ, na wɔakyɛ mu akɔ ɔsoro mframa anan no mu, nanso wɔremfa mma n’asefo, na ɛrenyɛ sɛ ne tumi a ɔde dii hene no; na wobetutu n’ahenni no de ama afoforo, na ɛnyɛ eyinom.


Babel hene Belsasar afe a edi kan mu no, da bi a Daniel da ne mpa so no, ɔsoo dae huu anisoade bi; ɛnna ɔkyerɛw ɔdae no kaa nsɛm no mu ade titiriw.


Me, Daniel, me honhom fontan me, me honam mu, na anisoadehu no haw me.


Ɛha na nsɛm no ase asi. Na me, Daniel de, m’adwene haw me pii, na m’anim sakrae, na mede asɛm no misiee me koma mu.


Na me, Daniel, mihuu anisoade no na mehwehwɛɛ ase mihui no, hwɛ, obi gyina m’anim, sɛ ɔbarima sɛso,


Na mihui anisoadehu mu, na mihui no, na mewɔ Susan ahemfi a ɛwɔ Elam asase so no mu; na mihui anisoadehu mu, na mewɔ asu Ulai ho.


afe a obedii mu hene no, me, Daniel, memaa m’ani baa nhoma no mu mfirihyia dodow a AWURADE asɛm baa odiyifo Yeremia so sɛ ɔbɛma mfirihyia aduɔsɔn awie odu, Yerusalem amamfo so no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan