Daniel 7:9 - KYERƐW KRONKRON9 Mede hwɛ ara kosii sɛ wosisii agua, na obi a ne nna akyɛ bɛtenaa ase, n’atade hoa sɛ nsukyerɛma, na ne ti nwi hoa sɛ oguanten nwi fitafitaa; n’agua ogyaframa ara nko, ne ntwahonan ogya a ɛrefram; Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm9 “Migu so rehwɛ no, “mihui sɛ, wɔde nhengua besisii hɔ, na Nea ɔwɔ hɔ fi Tete no bɛtenaa ase. Na nʼatade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; na ne tinwi hoa sɛ oguan nwi. Nʼahengua dɛw sɛ ogyatannaa na nʼahengua nhankare nso dɛwee framfram. Faic an caibideilNew Revised Asante Twi Bible9 Mehwɛe ara kɔsii sɛ wɔsisii ahennwa, na deɛ ɔwɔ hɔ firi mmerɛ santen bɛtenaa ase, n’atadeɛ hoa sɛ nwera, na ne tirinwi hoa sɛ odwanten nwi fitafita; n’adwa yɛ ogyaframa ara nko, ne ntwahonan ogya a ɛrefranam. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm9 “Megu so rehwɛ no, “mehunuu sɛ, wɔde nhennwa bɛsisii hɔ, na Deɛ ɔwɔ hɔ firi Tete no bɛtenaa ase. Na nʼatadeɛ yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma; na ne tirinwi hoa sɛ odwan nwi. Nʼahennwa dɛre sɛ ogyaframa na nʼahennwa nhankra nso dɛree framfram. Faic an caibideil |