Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 7:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Merehwɛ mmɛn no no, hwɛ, abɛn ketewa foforo bi puei ɛnonom ntam, na kan mmɛn no mu abiɛsa ase tutui ɛno anim, na hwɛ, aniwa a ɛte sɛ onipa aniwa wɔ abɛn no ho ne ano a ɛkeka nsɛnkɛse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Bere a migu so redwene mmɛn no ho no, abɛn ketewa foforo bi puee wɔ mmɛn dedaw no ntam, na etutuu mmɛn dedaw no mu abiɛsa. Na saa abɛn ketewa no wɔ aniwa te sɛ onipa, na ɔwɔ ano a ɛkasa ahantan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Merehwɛ mmɛn no no, hwɛ, abɛn ketewa foforɔ bi puee wɔ wɔn ntam, na akane mmɛn no mu mmiɛnsa ase tutuu ɛno anim, na hwɛ, na aniwa a ɛte sɛ onipa aniwa ne ano a ɛkeka nsɛnkɛseɛ wɔ abɛn no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Ɛberɛ a megu so redwene mmɛn no ho no, abɛn ketewa foforɔ bi pueɛ wɔ mmɛn dada no ntam, na ɛtutuu mmɛn dada no mu mmiɛnsa. Na saa abɛn ketewa no wɔ aniwa te sɛ onipa, na ɔwɔ ano a ɛkasa ahantan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 7:8
15 Iomraidhean Croise  

Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa ne tɛkrɛma a ɛka nsɛnkɛse,


Na ɔhene no bɛyɛ nea ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so adi onyame biara so akokurokosɛm, na ɔbɛka anwonwasɛm atia nyame mu Nyame no, na ebesi no yiye akosi sɛ wobeyi abufuw no adi awie; na nea wɔahyɛ no pintinn no, wɔbɛyɛ.


Ɛnna mepɛe sɛ mihu aboa a ɔto so anan a ɛsono ɔno ne wɔn nyinaa a ne ho yɛ hu boro so a ne se yɛ dade na n’awerɛw yɛ kɔbere a odidi bubu bi mu de ne nan pɛtɛw nkae no ho asɛm no ase,


Nea ɔsɔre na ɔma ne ho so tia nea wɔfrɛ no Nyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Onyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔne Nyankopɔn.


Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn,


Na wɔkeka ahupoosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a woguan fii wɔn a wɔbɔ nnaadaa mu bra no mu nkyɛe.


Eyinom yɛ anwiinwiifo, nnebɔneyɛfo a, wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi, na wɔn ano ka ahupoosɛm, na mfaso nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.


Na mihuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ne ti ason sɛ ofi po mu sɔree, na ahemmotiri du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne ti ho.


Na mmoadabi no suban te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko de, na biribi wowɔ wɔn ti so te sɛ sika kɔkɔɔ abotiri, na wɔn anim te sɛ nnipa anim.


Monnkasa ahantan kasa bebree sa, mommma ahomaso kasa mmfi mo anom, na AWURADE ne Nyankopɔn a ohu ade nyinaa, na ɔno na ɔkari nneyɛe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan