Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 7:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Eyi akyi no mehwɛe ara anadwo adehu mu, na aboa a ɔto so anan a ne ho yɛ hu ne nwonwa na ɔyɛ den boro so ni; ɔwɔ dade se akɛse, na odidi kekaw mu de n’anan pɛtɛw nkae, na ɛsono no ne mmoa a wodii n’anim nyinaa, na ɔwɔ mmɛn du.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Eyi akyi no, mʼanisoadehu anadwo no, mihuu aboa a ɔto so anan a ne ho yɛ hu yiye, na ne ho yɛ den nso. Ɔwɔ se akɛse a ɛyɛ dade na ɔde bubu mmoa a ɔkyere wɔn no na wawe, na afei ɔde ne nʼanan tiatia nkae no so. Ɔda nsow koraa wɔ mmoa nkae no mu. Na ɔwɔ mmɛn du.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Yei akyiri no, mede hwɛ ara anadwo adehunu mu, na hwɛ, aboa a ɔtɔ so nnan a ne ho yɛ hu ne nwanwa na ɔyɛ den boro soɔ nie. Ɔwɔ dadeɛ se akɛseɛ, na ɔdidi kekaa mu de ne nan pɛkyɛɛ nkaeɛ, na ɛsono no ne mmoa a wɔdii n’anim nyinaa, na ɔwɔ mmɛn du.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Yei akyi no, mʼanisoadehunu anadwo no, mehunuu aboa a ɔtɔ so ɛnan a ne ho yɛ hu yie, na ne ho yɛ den nso. Ɔwɔ se akɛseɛ a ɛyɛ dadeɛ na ɔde bubu mmoa a ɔkyere wɔn na wawe, na afei ɔde ne nan tiatia nkaeɛ no so. Ɔda nso koraa wɔ mmoa nkaeɛ no mu. Na ɔwɔ mmɛn edu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 7:7
17 Iomraidhean Croise  

Na mepɛtɛw wɔn pasaa sɛ fam mfutuma, mitiatiaa wɔn so mewɔw wɔn sɛ mmorɔn so dɔte.


N’anim apon nso, hena na obehiɛ? Ne se ho yɛ hu.


Onyankopɔn anisoadehu mu na ɔde me baa Israel asase so, na ɔde me kogyinaa bepɔw a ɛkorɔn papaapa so, na ɛso te sɛ kurow bi a wɔakyekye anafo fam.


Ɛnna woyii ahintasɛm no kyerɛɛ Daniel anadwo anisoadehu mu. Ɛnna Daniel hyiraa ɔsoro Nyankopɔn;


Mede hwɛ, anadwo adehu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro amununkum mu reba, na oduu nea ne nna akyɛ no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim.


Daniel fii ase sɛ: Mihuu m’ani so ade anadwo, na hwɛ, ɔsoro mframa anan tu bɔe ɛpo kɛse no so.


na ɛsoe kɔpem ɔsoro asafo, na ɛtotow asafo no bi ne nsoromma no bi guguu fam, na otiatiaa wɔn so;


na nea ebui a anan fifii sii ananmu no, ahenni anan bɛsɔre ɔman no mu, nso ennu kan de no ahoɔden.


Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi a okura susuhama ne nsam ni.


Na sɛnkyerɛnne foforo yii ne ho adi ɔsoro, na hwɛ, ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du, na ahemmotiri ason bobɔ ne ti.


Na mihuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ne ti ason sɛ ofi po mu sɔree, na ahemmotiri du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne ti ho.


Na mmɛn du a wuhui no ne ahemfo du a wonnyaa ahenni, nanso wɔne aboa no benya tumi sɛ ahemfo dɔnhwerew biako.


Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me sɛ: Adɛn nti na ayɛ wo nwonwa? Mɛka wo ɔbea no ne aboa a ɔso no a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du no ho ahintasɛm no.


Aboa a wuhuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, na obefi bun no mu aba, na wabɛsen akɔ ɔsɛe mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase so a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din nkwa nhoma mu no nwonwa sɛ wobehu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan