Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 7:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na hwɛ, aboa foforo a oto so abien te sɛ osisi na ogyina hɔ tɔ kɔ ɔfa biako so, na mparow abiɛsa hyɛ n’anom ne se ntam, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre di nam bebree!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 “Afei mihuu aboa a ɔto so abien a na ɔte sɛ sisi. Na ɔda ne nkyɛn mu a na mfe mparow abiɛsa hyɛ ne se ntam wɔ nʼanom. Na wɔka kyerɛɛ no se, ‘Sɔre na we nam a wubetumi!’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na hwɛ, aboa foforɔ a ɔtɔ so mmienu te sɛ sisire na ɔgyinaa hɔ tɔ kɔɔ ɔfa baako so, na mpadeɛ mmiɛnsa hyɛ n’anomu ne se ntam, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre di nam bebree!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 “Afei, mehunuu aboa a ɔtɔ so mmienu a na ɔte sɛ sisire. Na ɔda ne nkyɛn mu a na mfempadeɛ mmiɛnsa hyɛ ne se ntam wɔ nʼanom. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Sɔre na we ɛnam a wobɛtumi!’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 7:5
14 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔdan ne ho, ohuu wɔn no, ɔde AWURADE din domee wɔn. Na asisibere abien fi kwae no mu bae, bɛkyeree mmofra no mu aduanan abien, tetew wɔn mu.


Ma osisi a wɔafa ne mma nhyia wo mmom, na ɛnyɛ ɔkwasea n’agyimisɛm mu.


Wuram mmoadoma a moyɛ keka nyinaa, mmoadoma a moyɛ keka wɔ kwae mu nyinaa mommra mmedidi hamham.


Na afei, merekyerɛ wo nokware no: Hwɛ, ahene baasa bɛda so asɔre wɔ Persia, na nea ɔto so anan no benya ahonyade kɛse asen wɔn nyinaa, na sɛ onya n’ahonyade no mu ahoɔden a, ɔbɛhwanyan aman nyinaa ahyɛ Hela ahemman.


Na w’akyi na ahenni foforo bɛsɔre a ennu wo de no ananmu, ne ahenni foforo a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ kɔbere a ebedi asase nyinaa so.


PERES, wɔakyɛ w’ahenni mu de ama Mediafo ne Persiafo.


Nea odi kan no te sɛ gyata, na ɔwɔ ɔkɔre ntaban; mehwɛe ara kosii sɛ wotutuu ne ntaban no, na wɔmaa no so fii fam, na wɔma ogyinaa anan abien so sɛ onipa, na wɔmaa no onipa koma.


Eyi akyi mede hwɛ ara, na aboa foforo a ɔte sɛ ɔsebɔ, na ɔwɔ anomaa ntaban anan, na aboa no wɔ ti anan, na wɔmaa no tumi.


mɛtow mahyɛ wɔn so sɛ osisi a wɔafa ne mma, na matetew wɔn koko a wɔn koma da mu, na mawe wɔn hɔ sɛ gyatabere; wuram mmoa besunsuane wɔn mu.


Na aboa a mihuu no no te sɛ ɔsebɔ, na n’anan te sɛ osisi anan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no de n'ahoɔden ne n’ahengua ne ne tumi kɛse maa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan