Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 7:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Nea odi kan no te sɛ gyata, na ɔwɔ ɔkɔre ntaban; mehwɛe ara kosii sɛ wotutuu ne ntaban no, na wɔmaa no so fii fam, na wɔma ogyinaa anan abien so sɛ onipa, na wɔmaa no onipa koma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Na aboa a odi kan no te sɛ gyata a ɔwɔ ɔkɔre ntaban. Mehwɛɛ no ara kosii sɛ wotutuu ne ntaban no, na wɔpagyaw no ma ogyinaa ne nan abien so te sɛ onipa. Na wɔmaa no onipa adwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Deɛ ɔdi kan no te sɛ gyata, na ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban; mehwɛe ara kɔsii sɛ wɔtutuu ne ntaban no, na wɔmaa no so firii fam, na wɔmaa no gyinaa nan mmienu so sɛ onipa, na wɔmaa no onipa akoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Na aboa a ɔdi ɛkan no te sɛ gyata a ɔwɔ ɔkɔdeɛ ntaban. Mehwɛɛ no ara kɔsii sɛ wɔtutuu ne ntaban no, na wɔpagyaa no ma ɔgyinaa ne nan mmienu so te sɛ onipa. Na wɔmaa no onipa adwen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 7:4
27 Iomraidhean Croise  

Saul ne Yonatan te ase, na wɔyɛ ahoɔfɛfo a wɔn ho yɛ anika, na wɔn wu mu nso wɔanni mpaepaemu. Wɔn ho yɛ hare sen akɔre, wɔn ho yɛ den sen agyata.


Na menne ɔdesani, abubummabaa yi, ne onipa ba, aboaa yi!


AWURADE, yi wɔn hu, na amanaman nhu sɛ wɔyɛ adasamma.


Wagyaw ne dabere sɛ gyataforo, na wɔn asase adan amamfo, esiane n’afoa nnamnam ne n’abufuw hyewhyew no nti.


Hwɛ, ɔreforo aba sɛ amununkum, na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a edi kyinhyia. N’apɔnkɔ ho yɛ hare sen akɔre. Yennue! Na yɛawie ɔsɛe.


Gyata bi afi ne dɔtɔ mu reba, na amanaman sɛefo atu afi ne tenabea reba, sɛ ɔrebɛyɛ w’asase no amamfo, na wo nkurow abobɔ a obi nte mu bio.


Na sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, ɔretu sɛ ɔkɔre, na ɔtrɛw ne ntaban mu ba Moab so.


Hwɛ, ɔforo sɛ gyata fi Yordan kwae no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔde aguan afi hɔ afrɛso; na nea wɔayi no no, ɔno na mede no mesi so. Na hena na ɔte sɛ me? Na hena na obehyia me? Na hena ne oguanhwɛfo a obetumi agyina m’anim?


Yɛn atiwfo ho yɛ hare sen ɔsoro akɔre; wotiw yɛn hyerebahyereba mmepɔw so, wɔtetɛw yɛn sare so.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɔkɔre kɛse bi, ne ntaban akɛseakɛse, ne ntakra atenten-atenten, ntakra nworannworan ayɛ ne ho ma, ɔbaa Lebanon bebuu kyeneduru nkoa;


Onipa ba, ka kyerɛ ɔheneba a ɔwɔ Tiro no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ wo koma ma ne ho so, na wuse: Meyɛ onyame, anyamegua so na mete, ɛpo mfinimfini, nanso woyɛ onipa na wonyɛ onyame, na woyɛ wo koma sɛ onyame koma nti,


So wobɛkɔ so aka sɛ: Meyɛ onyame, wɔ nea okum wo no anim? Nso wo de, woyɛ onipa na wonyɛ onyame, nea ohwirew wo mu no nsam.


na baabiara a nnipa mma, wuram mmoa ne wim nnomaa te no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo adi wɔn nyinaa so: Wone sika tiri no.


Ɛbere no mu ara na m’adwene san baa me mu, na nea ɛbɛyɛ na m’ahenni agye din bio nti, m’anuonyam ne me haran san baa me so, na m’agyinatufo ne m’aberɛmpɔn bɛpɛɛ me, na wɔde me sii m’ahenni so bio, na wɔde tumi a ɛsen kan de no maa me.


Na mmoa a aka no nso, wogyee wɔn tumi, nanso wɔhyɛɛ wɔn bere ne dɔn a wɔn nkwa nna nkodu.


Na hwɛ, aboa foforo a oto so abien te sɛ osisi na ogyina hɔ tɔ kɔ ɔfa biako so, na mparow abiɛsa hyɛ n’anom ne se ntam, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre di nam bebree!


Na faako a afunu wɔ no, ɛhɔ na apete bɛboaboa wɔn ho ano.


AWURADE de ɔman bi befi akyirikyiri afi asase ano aba wo so ɔhareso, sɛnea ɔkɔre tu: Ɔman a wonte wɔn kasa,


Na aboa a mihuu no no te sɛ ɔsebɔ, na n’anan te sɛ osisi anan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no de n'ahoɔden ne n’ahengua ne ne tumi kɛse maa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan