Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 7:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Daniel fii ase sɛ: Mihuu m’ani so ade anadwo, na hwɛ, ɔsoro mframa anan tu bɔe ɛpo kɛse no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Daniel kae se, “Mʼanisoadehu no mu saa anadwo no, mihuu ɔsoro mframa anan a ɛrebobɔw fa po kɛse no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Daniel firii aseɛ sɛ: Mehunuu m’ani so adeɛ anadwo, na hwɛ, ɔsoro mframa nnan tu bɔe wɔ ɛpo kɛseɛ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Daniel kaa sɛ, “Mʼanisoadehunu no mu saa anadwo no, mehunuu ɔsoro mframa ɛnan a ɛrebobɔ fa ɛpo kɛseɛ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 7:2
13 Iomraidhean Croise  

Ao, aman bebree huuyɛ, wɔyɛ huu sɛ ɛpo huuyɛ Ao, aman hooyɛ, wɔyɛ hoo sɛ nsu a ɛyɛ den hooyɛ!


na mede mframa anan mefi ɔsoro afanan maba Elam so, na mabɔ wɔn mapete mframa yi nyinaa mu, na ɔman bi nni hɔ a Elam mpanyimfo remma hɔ;


Ɛpo asram Babel so, n’asorɔkye huuyɛ akata so.


Na ogyina a, n’ahenni bɛbɔ, na wɔakyɛ mu akɔ ɔsoro mframa anan no mu, nanso wɔremfa mma n’asefo, na ɛrenyɛ sɛ ne tumi a ɔde dii hene no; na wobetutu n’ahenni no de ama afoforo, na ɛnyɛ eyinom.


Ɛnna woyii ahintasɛm no kyerɛɛ Daniel anadwo anisoadehu mu. Ɛnna Daniel hyiraa ɔsoro Nyankopɔn;


Mede hwɛ, anadwo adehu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro amununkum mu reba, na oduu nea ne nna akyɛ no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim.


Eyi akyi no mehwɛe ara anadwo adehu mu, na aboa a ɔto so anan a ne ho yɛ hu ne nwonwa na ɔyɛ den boro so ni; ɔwɔ dade se akɛse, na odidi kekaw mu de n’anan pɛtɛw nkae, na ɛsono no ne mmoa a wodii n’anim nyinaa, na ɔwɔ mmɛn du.


Na mihui anisoadehu mu, na mihui no, na mewɔ Susan ahemfi a ɛwɔ Elam asase so no mu; na mihui anisoadehu mu, na mewɔ asu Ulai ho.


Na ɔpapo no yɛɛ kɛse kokuroo, na ɔyɛɛ den no, abɛn kɛse no bui, na mmɛn anan a wohwɛ a, ɛsosoe fifii ananmu kyerɛkyerɛɛ ɔsoro mframa anan.


Na ɔbɔfo no bua see me sɛ: Eyinom ne ɔsoro mframa anan a efi adi fi nea wɔde wɔn ho gyinagyinaa asase nyinaa wura anim hɔ ba no.


Na ɔbɛsoma n’abɔfo ama wɔde torobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afi mframa anan no mu afi ɔsoro ano akɔpem ano.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsu a wuhui a oguamammɔfo no te so no yɛ nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow.


Eyi akyi no mihuu abɔfo baanan a wogyinagyina asase afanan no ano kurakura asase mframa anan no mu, na mframa ammɔ amfa asase anaa ɛpo anaa dua biara so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan