Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 7:18 - KYERƐW KRONKRON

18 Na ɔsorosoroni no ahotefo bɛfa ahenni no, na wɔanya ahenni no daa daa mmeresanten.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Nanso Ɔsorosoroni no ahotefo no begye ahemman no na wɔafa no afebɔɔ.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

18 Na ɔsorosoroni no ahotefoɔ bɛfa ahennie no, na wɔanya ahennie no daa daa mmerɛ santen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Nanso, Ɔsorosoroni no ahotefoɔ no bɛgye ahemman no na wɔafa no afebɔɔ.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 7:18
21 Iomraidhean Croise  

Wo mma besi w’agyanom anan mu, wode wɔn besisi asase nyinaa so ahene.


Wɔboa asaman sɛ nguan, owu hwɛ wɔn so, na treneefo betiatia wɔn so anɔpa, na wɔn de, asaman bɛsɛe wɔn ahoɔfɛ, na wɔannya tenabea bio.


Na aman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn tenabea, na Israel fi afa wɔn adi AWURADE asase no so ma wɔayeyɛ nkoa ne mfenaa, na wɔafa wɔn nnommumfafo nnommum, na wɔahom wɔn ahoguanfo so.


Na ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da.


Mmoa akɛse yi a wosi anan yi yɛ ahene baanan a wobefi asase so asɔre agyina.


kosii sɛ nea ne nna akyɛ no bae, na wobuu atɛn maa ɔsorosoroni no ahotefo, na ɛbere a ahotefo beso ahenni no mu no dui.


Na ɔbɛkeka nsɛm atia nea ɔwɔ ɔsorosoro no, na ɔbɛhaw ɔsorosoroni no akronkronfo, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdan mmere ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, ɛbere bi ne mmere ne bere fa.


na wɔde ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahenni ne tumi ne kɛseyɛ bɛma ɔsorosoroni no akronkronfo man; n’ahenni yɛ daa ahenni, na tumi nyinaa bɛsom no atie no.


Na Sion bepɔw so de, mfimufo bɛtena hɔ, na ayɛ kronkronbea, na Yakob fi bɛfa wɔn agyapade adi so.


Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.


Munnim sɛ ahotefo na ebebu wiase atɛn anaa? Na sɛ mo na mubebu wiase atɛn a, ɛnsɛ mo sɛ mudi nsɛm nketewa anaa?


Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn ɔsoro hɔnom Kristo mu,


efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom no.


Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtete so no, wɔde atemmu maa wɔn. Na mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no. Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem.


Na anadwo nni hɔ, na ɔkanea anaa owia hann nhia wɔn, efisɛ Awurade Nyankopɔn bɛhyerɛn wɔn so. Na wobedi ahene daa daa.


Nea odi nkunim no, mɛma ɔne me atena m’ahengua so, sɛnea me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahengua so no.


na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan