Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 7:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Mitwiw mebɛn wɔn a wogyina hɔ no mu biako, na mibisaa no eyi nyinaa ase; na ɔka kyerɛɛ me, na ɔma mihuu nneɛma no nkyerɛase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Enti, mekɔɔ wɔn a wogyinagyina hɔ no mu baako hɔ, kobisaa no saa nneɛma no nyinaa ase. “Ɔkyerɛɛ me ase se:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Metwe pinii wɔn a wɔgyina hɔ no mu baako, na mebisaa no yei nyinaa ase; na ɔka kyerɛɛ me, na ɔmaa mehunuu nnoɔma no nkyerɛaseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Enti, mekɔɔ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no mu baako, kɔbisaa no saa nneɛma no nyinaa ase. “Ɔkyerɛɛ me aseɛ sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 7:16
14 Iomraidhean Croise  

ogya te sɛ asubɔnten sen fi n’anim bae, mpem mpem som no, na ɔpedu huhaa gyina n’anim, wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wobuebuee nhoma no mu.


Mmoa akɛse yi a wosi anan yi yɛ ahene baanan a wobefi asase so asɔre agyina.


Na ɔbaa nea migyinae hɔ; na ɔbae no, misuroe, na mehwee m’anim; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, hu ase, na adehu no fa awiei bere ho.


Na ɔkyerɛɛ me, na ɔne me kasae sɛ: Daniel, afei mafi maba sɛ merebɛma woanya nhumu.


Na mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no sɛ: Dɛn ne eyinom? Na obuaa me sɛ: Eyinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem petee no.


Na hwɛ, ɔbɔfo a ɔne me kasae no fii adi, na ɔbɔfo foforo fii adi kohyiaa no,


Sɛ asafo Awurade se ni: Sɛ wonantew m’akwan so na wohwɛ m’ahwɛde a, ɛnna wo nso wobɛhwɛ me fi asɛm na woawɛn m’abangua nso, na mɛma woanya eyinom a wogyinagyina ha yi ntam kwan.


Na mpanyimfo no mu biako ka kyerɛɛ me sɛ: Nsu, hwɛ, Yuda abusuakuw mu gyata no, Dawid ntini no, adi nkonim sɛ obebue nhoma no mu na watetew ne nsɔano ason no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan