Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 7:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Mede hwɛ ara, ɛno na nsɛm akɛse a abɛn no kekae nti, mehwɛe ara kosii sɛ wokum aboa no, na wɔsɛee ne honam, na wɔde maa ogya a ɛrefram no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Na mekɔɔ so hwɛe, efisɛ na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛɛ ara kosii sɛ wokum aboa no, na wɔtow no kyenee ogyatannaa a ɛredɛw framfram no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Mehwɛe ara kɔsii sɛ ɛsiane nsɛm akɛseɛ a abɛn no kekaeɛ nti, wɔkumm aboa no, na wɔsɛee ne honam, na wɔde maa ogya a ɛrefranam no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Na mekɔɔ so hwɛeɛ, ɛfiri sɛ, na abɛn ketewa no de ahantan rekasa. Mehwɛeɛ ara kɔsii sɛ wɔkumm aboa no, na wɔtoo no twenee ogyaframa a ɛrederɛ framfram no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 7:11
14 Iomraidhean Croise  

Na obesi n’ahemfi ntamadan ɛpo ne bepɔw fɛfɛ kronkron no ntam, nanso n’awiei bɛba a obi nni hɔ a obedi aboa no.


Na mmoa a aka no nso, wogyee wɔn tumi, nanso wɔhyɛɛ wɔn bere ne dɔn a wɔn nkwa nna nkodu.


Merehwɛ mmɛn no no, hwɛ, abɛn ketewa foforo bi puei ɛnonom ntam, na kan mmɛn no mu abiɛsa ase tutui ɛno anim, na hwɛ, aniwa a ɛte sɛ onipa aniwa wɔ abɛn no ho ne ano a ɛkeka nsɛnkɛse.


Na n’anitew nti ne nnaadaa bɛkɔ so ne nsam, na obedi ne koma mu akokurokosɛm na obefi nkurɔfo bebree mpaase asɛe wɔn, na ɔbɛsɔre ahyɛ ahene mu hene, nanso obebubu a ɛnyɛ obi nsa na ebebu no.


Na ɛno ansa na wobeyi nea onni mmara biara no adi, nea Awurade de n’anom home besɛe no na ɔde ne ba no pue beyi no hɔ koraa no.


Na wɔkeka ahupoosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a woguan fii wɔn a wɔbɔ nnaadaa mu bra no mu nkyɛe.


Eyinom yɛ anwiinwiifo, nnebɔneyɛfo a, wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi, na wɔn ano ka ahupoosɛm, na mfaso nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.


Eyi nti na ne haw bɛba da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no, efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.


Na wɔkyeree aboa no ne diyifo atorofo no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnne de daadaa wɔn a wogyee aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no kaa ne ho. Wɔtow wɔn baanu yi animono guu ogya tare a sufre dɛw mu no mu.


Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtow no kyenee ogya ne sufre tare no mu, nea aboa no ne atoro diyifo no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa.


Na mihuu awufo, nketewa ne akɛse, sɛ wogyinagyina ahengua no anim; na wobuebuee nhoma mu. Na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ nkwa nhoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bubuu awufo atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.


Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtete so no, wɔde atemmu maa wɔn. Na mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no. Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan