Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 7:10 - KYERƐW KRONKRON

10 ogya te sɛ asubɔnten sen fi n’anim bae, mpem mpem som no, na ɔpedu huhaa gyina n’anim, wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wobuebuee nhoma no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten sen fii nʼanim bae. Abɔfo mpempem kotow no, na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim. Baguafo no tenaa ase, na wofii ase buebuee nhoma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Ogya te sɛ asubɔnten sene firi n’anim bae, mpem mpem som no, na mpemdu mpemdu buburugyaa gyina n’anim, wɔtenaa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wɔbuebuee nwoma no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Na ogya a ɛte sɛ asubɔnten tene firii nʼanim baeɛ. Abɔfoɔ mpempem kotoo no, na ɔpepe nso gyinagyinaa nʼanim. Abadwafoɔ no tenaa ase, na wɔhyɛɛ aseɛ buebuee nwoma mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 7:10
26 Iomraidhean Croise  

Ɛnna ɔkae sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahu AWURADE sɛ ɔte n’agua so, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.


Na Mikaia se: Enti muntie AWURADE asɛm. Mahu AWURADE sɛ ɔte n’agua so, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne nifa ne ne benkum.


So n’asafo ano wɔ abuye? Na hena na ne hann renhyerɛn no so?


AWURADE asafo nyinaa, munhyira no, n’asomfo a moyɛ nea ɛsɔ n’ani no.


Owusiw tu fii ne hwenem, na ogya a ɛhyew ade fii n’anom, nyansrama fii ne mu dɛwee.


Yɛn Nyankopɔn bɛba, na ɔrenyɛ komm. Ogya di n’anim rehyew ade, na ahum atu huu atwa ne ho ahyia.


Onyankopɔn ko teaseɛnam si mpem mpem ɔpehuhaa, AWURADE wɔ wɔn mu te sɛ Sinai kronkronbea no mu.


Hwɛ, AWURADE din fi akyirikyiri reba, n’abufuw redɛw wɔ owusiw kumɔnn mu, abohuru ayɛ n’anom ma, na ne tɛkrɛma te sɛ ogya a ɛhyew ade.


Wofi teteete na asiesie akyide hyewbea no; ɔhene no na wɔasiesie ama no, emu dɔ, ɛtrɛw, ne ntannaa wɔ ogya ne nnyentia pii, AWURADE ahome bɛsɔ ano sɛ sufre asubɔnten.


Ɛbere no mu na Mikael, ɔbapɔmma kɛse a ogyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina; na ɛbɛyɛ ahohia bere a efii sɛ ɔman bae no besi bere no so, ebi ɛmmae da, na ɛbere no mu na wobegye wo manfo afi mu, obiara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din nhoma no mu no.


kosii sɛ nea ne nna akyɛ no bae, na wobuu atɛn maa ɔsorosoroni no ahotefo, na ɛbere a ahotefo beso ahenni no mu no dui.


Na wɔbɛtena ase abu atɛn, na wɔagye ne nsam tumi asɛe no ama ayera akosi ase na asɛe koraa;


Na mobeguanguan akɔ me mmepɔw bon mu, na mmepɔw bon no bedu Asal tɔnn, na mobeguan sɛnea moguanee asasewosow no anim, Yuda hene Usia bere so no. Na AWURADE me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfo nyinaa bɛka ne ho.


Na Onipa Ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’anuonyam ahengua so.


AWURADE fi Sinai bae, na opue fii Seir maa wɔn, ɔharan fii Paran bepɔw so; ofi akronkronfo pii mu na ɛbae, ogya a ɛyɛ mmara ma wɔn wɔ ne nifa mu.


Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfo a, wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye no difo no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?


Na mmom, moaba Sion bepɔw ne Onyankopɔn teasefo kurow, ɔsoro Yerusalem, ho, ne abɔfo mpempem nhyiam,


Eyinom ho na Enok nso a ɔto Adam so ason hyɛɛ nkɔm de too hɔ sɛ: Hwɛ, Awurade ne n’ahotefo mpempem reba


Na amanaman no bo afuw, na w’abufuw ne awufo bere no adu sɛ wubebu atɛn, na woama wo nkoa, adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wosuro wo din, nketewa ne akɛse no akatua, na woasɛe wɔn a wɔasɛe asase no.


Na mehwɛe, na metee abɔfo bebree a wɔatwa ahengua no ne ateasefo no ne mpanyimfo no ho kɔntɔnkrɔn nne, wɔn ano si mpempem ne mpem ahorow mpem,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan