Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 6:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna abirempɔn ne amantam ahene no hwehwɛe sɛ wobehu Daniel ho asɛm bi, ahenni no fam; nanso wɔannya asɛm anaa bɔne biara, efisɛ odi nokware, na wonhu ne ho mfomso anaa bɔne biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛyɛɛ saa maa mpanyimfo no ne ahenemma no hwehwɛɛ sɛ wobenya Daniel ho asɛm wɔ nʼamammui no fam, nanso wɔannya nʼadwumayɛ no ho mfomso biara, efisɛ ɔyɛ ɔnokwafo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛnna aberempɔn ne amantam ahemfo no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya Daniel ho asɛm bie, ahennie no fam; nanso wɔannya asɛm anaa bɔne biara, ɛfiri sɛ na ɔdi nokorɛ, na wɔnhunu ne ho mfomsoɔ anaa bɔne biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛyɛɛ saa maa sohwɛfoɔ ne ahenemma no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya Daniel ho asɛm wɔ nʼamammuo no fam, nanso wɔannya nʼadwumayɛ no ho mfomsoɔ biara, ɛfiri sɛ ɔyɛ nokwafoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 6:4
32 Iomraidhean Croise  

Na Farao ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Yebetumi anya onipa bi a ɔte sɛ oyi a Onyankopɔn honhom wɔ ne mu yi anaa?


Na nnipa no suroe sɛ wɔde wɔn akɔ Yosef fi, na wose: Dwetɛ a ɛsan kekaa yɛn kotoku mu kan no nti na wɔde yɛn aba ha yi, na wabɛtoa yɛn atow ahyɛ yɛn so afa yɛn ne yɛn mfurum ayɛ nkoa.


Treneefo akyide ne onipa busufo, na ɔbɔnefo akyide ne nea ne kwan yɛ tee.


Na mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.


Na wɔkae sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara remfi ɔsɔfo nsa, na afotu rempa onyansafo anom, na asɛm remmɔ odiyifo. Mommra mma yɛmfa tɛkrɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Na wo, AWURADE, wunim wɔn agyina a wɔkɔ me ho repɛ me wu no nyinaa. Nkata wɔn amumɔyɛ so, na mpopa wɔn bɔne mfi w’anim, na wɔnhwehwe w’anim ase; w’abufuw bere mu na wo ne wɔn nni.


Na mate nnipa pii nsekudi, ehu wɔ afa nyinaa, wose: Monkɔka, na yɛbɛkɔ akɔka atia no. Me nnamfo pa a me ne wɔn nni asɛm mpo hwehwɛ me asehwe na wɔka sɛ: Ebia ɔbɛma wɔagyigye no, na yɛatumi no, na yɛatɔ yɛn were no so.


Na monhwehwɛ kurow a mema wotuu mo kɔɔ hɔ no yiyedi, na mommɔ AWURADE mpae mma no; na ne yiyedi mu na mubedi yiye.


Ne saa nti bere no ara mu Kaldeafo bi bae bɛtotoo Yudafo no ano;


na wohuu honhom a ɛkyɛn so ne adwempa ne nimdeɛ a ɔde kyerɛ ɔdae ase kyerɛ nsɛm a emu nna hɔ san apɔw wɔ saa Daniel a ɔhene too no din Beltesasar no mu; enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel, na ɔmmɛkyerɛ ase.


Me Nyankopɔn asoma ne bɔfo ma wabemuamua agyata no ano, na wɔanyɛ me hwee, efisɛ wahu me sɛ midi bem n’anim, na wo, ɔhene, anim nso menyɛɛ bɔne bi ɛ.


na wotuu agyina sɛ wɔnam nyansa so bɛkyere Yesu akum no.


Na onim sɛ nitan nti na woyii no mae.


Na wɔtɛw no, na wɔsomaa akwansrafo bi a wɔpatuw yɛɛ wɔn anim sɛnea wɔyɛ nnipa trenee sɛ wɔnkɔpɛ no asɛm, na wɔayi no ahyɛ amrado mmara ne ne tumi nsa.


Na wɔantumi annya n’asɛm bi anso mu ɔman no anim, na ne mmuae no yɛɛ wɔn nwonwa, na womuaa wɔn ano.


Na asɔfo mpanyimfo ne Akyerɛwfo no hwehwɛe sɛnea wɔbɛyɛ na wɔakum Yesu efisɛ wosuro ɔman no.


Ɛnna Pilato fii adi bae bio, na osee wɔn sɛ: Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahu sɛ minhu no mu afobusɛm biara.


Na nea meyɛ no, mɛyɛ ara, na masiw wɔn a wɔhwehwɛ me ho kwan no kwan, na wɔahu wɔn nea wɔde hoahoa wɔn ho no mu, sɛ yɛn ara.


na moayɛ nnipa a asɛm nni wɔn ho, a wɔyɛ kronn, Onyankopɔn mma a nkekae nni wɔn ho wɔ nnɛ mma abusua a wɔakɔntɔn na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ akanea wɔ wiase,


Enti mepɛ sɛ wɔn a wonnyinii ɛ no ware wo mma di ofi so, na wɔamma ɔtamfo ho kwan sɛ ɔnyaw;


asɛmpa a eye a wonnya ho asɛm bi nka adi, na nea ɔne yɛn anya no afɛre, efisɛ onni yɛn ho bɔne biara ka.


na mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, “nsra da no”.


odwo ne osuro mu, na munnya ahonim pa, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu no, wɔn a wogu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu.


Na n’agya ne ne na nnim sɛ eyi fi AWURADE, na ɔrepɛ Filistifo ho kwan; efisɛ saa bere no na Filistifo di Israel so.


Na wose: Dabi wunnii yɛn amim na wonhyɛɛ yɛn so na wunnyee obiara hɔ biribi ɛ.


Na Dawid kɔɔ so n’akwan nyinaa mu, na AWURADE dii n’akyi.


Na Ahimelek buaa ɔhene sɛ: Na wo nkoa nyinaa mu hena na ɔyɛ ɔnokwafo sɛ Dawid a ɔyɛ ɔhene sew, na otie w’asɛm, na wodi no ni wɔ wo fi?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan