Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 6:2 - KYERƐW KRONKRON

2 ne wɔn so abirempɔn baasa a Daniel yɛ wɔn mu biako, sɛ amantam ahene no mmu akontaa nkyerɛ wɔn, na ɔhene ade ammɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔhene no san yii Daniel ne afoforo baanu bi sɛ mpanyimfo a wɔhwɛ ahenemma no so, sɛnea wɔbɛtoto nneɛma yiye, na ɔhene no ammɔ ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 ne wɔn so aberempɔn baasa a Daniel yɛ wɔn mu baako, sɛ amantam ahemfo no mmu akonta nkyerɛ wɔn, na ɔhene adeɛ ammɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔhene no sane yii Daniel ne afoforɔ baanu bi sɛ sohwɛfoɔ mpanimfoɔ a wɔhwɛ ahenemma no so, sɛdeɛ wɔbɛyɛ ahwɛyie, na ɔhene no ammɔ ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 6:2
14 Iomraidhean Croise  

Na monhwɛ yiye na moantoto eyi ase, na bɔne bi amma, na ahemfo ade ammɔ wɔn.


na wɔatɔn yɛn, me ne me man, sɛ wɔnsɛe yɛn nkunkum yɛn nnwerɛw yɛn. Na sɛ wɔretontɔn yɛn ayɛ nkoa ne mfenaa a, anka mɛyɛ komm, nanso ɔtamfo no ntumi nhyɛ ɔhene ade a ɛbɛsɛe no ananmu.


Nea ɔde nsɛm soma ɔkwasea no twitwa n’ankasa nan, na ɔnom mmusu.


Onyinkyɛ wɔ ne nifa mu, ne benkum kura ade ne anuonyam.


Na mate wo nka sɛ wutumi kyerɛ nsɛm ase na wosan apɔw. Na sɛ wutumi kan kyerɛw no kyerɛ me ase a, wobefura wo ɔtankɔkɔɔ de sika ntweaban agu wo kɔn mu, na woayɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni yi mu tumi.


Ɛnna Belsasar kae ma wofuraa Daniel ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika ntweaban guu ne kɔn mu, na wɔbɔɔ ne ho dawuru sɛ, ɔbɛyɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni no mu tumi.


Ɔhene no teɛɛm dennen sɛ wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo mmra; ɔhene no ka kyerɛɛ Babel anyansafo no sɛ: Obiara a ɔbɛkan kyerɛw yi na wakyerɛ me ase no, wobefura no ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika kɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni yi mu tumi.


Ɛsɔɔ Dario ani sɛ ɔde amantam ahene ɔha aduonu besisi n’ahenni no so, sɛ wonni ahemman no nyinaa so,


Eyi nti ɔsoro ahenni te sɛ ɔhene bi a ɔpɛe sɛ ɔne ne nkoa bu akontaa.


Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdɛn na mete wɔ wo ho yi! Bebu wo panyinni ho akontaa, na worenni panyin bio.


Na afei, nea wɔhwehwɛ ofiehwɛfo hɔ ne sɛ obiara behu sɛ ɔyɛ ɔnokwafo.


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka ni: Mekae ampa sɛ: Wo fi ne w’agya ofi nnantew m’anim daa; nanso afei nea AWURADE ka ni: Ɛmpare me koraa! Na wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni, na wɔn a wobu me animtiaa no bɛbɔ ahohora.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan