Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 5:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Ɛnna ɔhene anim danee, na n’adwene haw no, na n’asen mu nhama hodwowee, na ne nkotodwe ka boboom biribiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 na ehu maa nʼanim danee. Sɛnea ɔbɔɔ hu no maa ne kotodwe keka bobɔɔ mu, na ne nan mu yɛɛ mmrɛw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛnna ɔhene anim daneeɛ, na n’adwene haa no, na n’asene mu nhoma hodwoe, na ne nkotodwe ka boboom biribiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 na ehu maa nʼanim daneeɛ. Sɛdeɛ ɔbɔɔ hu no maa ne kotodwe keka boboom, na ne nan mu yɛɛ mmrɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 5:6
21 Iomraidhean Croise  

Wɔahwie me agu sɛ nsu, na me nnompe nyinaa ahunhuan n’akwaa so. Me koma ayɛ sɛ hweawa, anan wɔ me yam.


Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu, na wɔanhu ade, na ma wɔn sisi mpopo daa,


Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den, mummia anankoroma a agow mu;


Nea wabrɛ, ne nea ohintiw nni mu, wɔn mu bi ntɔ nko na n’ani nkum, wɔn asen so abɔso rensan, na wɔn mpaboa hama rentew.


Babel hene ate wɔn nka, na ne nsam agow; ahohia akyere no, ne ɛyaw sɛ ɔbea a ɔwɔ awo mu.


Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛdɛn so na woresi apini a? Ka sɛ: Akwansosɛm nti, efisɛ ɛreba, na koma nyinaa bɛnan, na nsa nyinaa mu agugow, na honhom nyinaa ano akum, na anankoroma nyinaa adannan nsu; hwɛ, ɛreba na abɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Nsa nyinaa mu gugow, na anankoroma nyinaa ayɛ sɛ nsu.


Na Nebukadnesar ahenni afe a ɛto so abien no, ɔsosoo adae bi, na ne honhom ho yeraw no, na n’ani saree dwe.


Ɛnna abufuhyew hyɛɛ Nebukadnesar ma, na n’anim tebea sakra hyɛɛ Sadrak, Mesak ne Abednego; ɔkae sɛ wɔmma fononoo no mu nnɔ mpɛn ason nkyɛn nea ɛyɛɛ wɔn sɛ adɔ,


Ɛnna Daniel a ne din de Beltesasar no ho dwiriw no kakra ara gyenn, na n’adwene haw no. Ɔhene kae sɛ: Beltesasar, mma ɔdae no ne ne nkyerɛase nnhaw wo. Beltesasar buae sɛ: Me wura, anka ma ɔdae no mfa wɔn a wokyi wo ho na ne nkyerɛase mfa w’atamfo ho.


na mesoo ɔdae bi a eyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehu haw me.


Dɔn no mu ara na onipa nsa so nsatea fi bae bɛkyerɛw ahennan no fasu no akado so, kaneadua no anim, na ɔhene huu nsa a ɛkyerɛwee no ano.


Ɛha na nsɛm no ase asi. Na me, Daniel de, m’adwene haw me pii, na m’anim sakrae, na mede asɛm no misiee me koma mu.


Ao Niniwe, hwɛ sɛ wasi ada mpan, na wayɛ hunu ne amamfo, na wo koma ahodwow, na w’anankoroma hinhim, w’asen mu nyinaa yɛ wo yaw, na w’anim nso asinsiam fitaa.


Enti monhyɛ nsa a emu agow ne nkotodwe a ahodwow no mu den bio.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan