Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 5:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Dɔn no mu ara na onipa nsa so nsatea fi bae bɛkyerɛw ahennan no fasu no akado so, kaneadua no anim, na ɔhene huu nsa a ɛkyerɛwee no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Amono mu hɔ no ara, wohui sɛ, onipa nsateaa rekyerɛw ɔhene ahemfi fasu no a ɛbɛn kaneadua no ho. Ɔhene no hwɛɛ nsa a ɛrekyerɛw no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Dɔn no mu ara na onipa nsateaa firi ba bɛtwerɛɛ ahennan no fasuo akaadoo soɔ, kaneadua no anim, na ɔhene hunuu nsa a ɛtwerɛeɛ no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Amonom hɔ no ara, wɔhunuu sɛ, onipa nsateaa retwerɛ ɔhene ahemfie ɔfasuo no a ɛbɛn kaneadua no ho. Ɔhene no hwɛɛ nsa a ɛretwerɛ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 5:5
15 Iomraidhean Croise  

sɛ abɔnefo ahurusidi nkyɛ, na nyaatwomfo anigye yɛ bere tiaa bi nko?


Animka nipa a osen ne kɔn, wobebu no mpofirim, na ano nni aduru.


Babel hene ate wɔn nka, na ne nsam agow; ahohia akyere no, ne ɛyaw sɛ ɔbea a ɔwɔ awo mu.


Ansa na asɛm no befi ɔhene anom no, ɛnne bi fi soro bae sɛ: Wo ɔhene Nebukadnesar, wɔka kyerɛ wo sɛ: Ahenni no atu afi wo nsam;


Dɔn no mu ara na asɛm no baa mu Nebukadnesar ho, na wɔpam no fii nnipa mu, na odii wura sɛ anantwi, na ɔsoro bosu fɔw ne honam, de kosii sɛ ne nwi fuwii sɛ ɔkɔre ntakra, na n’awerɛw yɛe sɛ nnomaa de.


Na afei wɔde anyansafo pɛadeahufo aba m’anim, sɛ wɔmmɛkan kyerɛw yi na wɔnkyerɛ me ase; nanso wɔantumi ankyerɛ asɛm no ase.


wɔnonnom nsa na wɔkamfoo sika ne dwetɛ ne kɔbere ne dade ne dua ne ɔbo anyame no.


Ɛnna ɔhene anim danee, na n’adwene haw no, na n’asen mu nhama hodwowee, na ne nkotodwe ka boboom biribiri.


Ɛnna ɔhene anyansafo nyinaa bae, nanso wɔantumi ankan kyerɛw no ankyerɛ ɔhene ase.


na wapopaa ahyɛde no mu nkyerɛwee a etia yɛn no, na ɔde akɔbɔ asɛnnua ho de ayi afi kwan mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan