Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 5:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ɛnna wɔde sika nnwinne a wɔkɔfa fii Onyankopɔn asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem no mu no bae, na ɔhene ne n’aberɛmpɔn, ne yerenom ne ne mpenafo no nom mu;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti ɔde saa sikakɔkɔɔ nkuruwa a wɔtase fii Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem mu no bae, na ɔhene no ne ne mpanyimfo, ne yerenom ne ne mpenanom nom mu nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɛnna wɔde sika ne dwetɛ nnwinneɛ a wɔkɔfa firii Nyankopɔn asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no mu no baeɛ, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne yerenom ne ne mpenafoɔ nom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti, wɔde saa sikakɔkɔɔ nkuruwa a wɔtase firii Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem mu no baeɛ, na ɔhene no ne ne mpanimfoɔ ne yerenom ne ne mpenafoɔ nom mu nsã.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 5:3
11 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn fi nneɛma no nyinaa, akɛse ne nketewa ne AWURADE fi akorade ne ɔhene no ne ne mmapɔmma akorade, ɔde ne nyinaa kɔɔ Babel.


enti asaman atrɛw n’akɔnnɔ mu, na ahan n’anom haharaa, na Yerusalem anuonyamfo ne nnipa dodow ne nnipa dɔm ne wɔn a wɔn ani ka mu no asian akɔ hɔ.


Wɔte aguanfo ne wɔn a wɔafi mu afi Babel asase so nne, na wɔbɛka AWURADE yɛn Nyankopɔn aweretɔ, n’asɔrefi ho aweretɔ Sion hɔ.


Nsa no baa ani so no, Belsasar kae sɛ: Wɔmfa sika ne dwetɛ nnwinne a n’agya Nebukadnesar akɔfa afi asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu no mmra, na ɔhene ne n’aberɛmpɔn ne ne yerenom ne ne mpenafo nnom mu.


na woama wo ho so ahyɛ ɔsoro wura, na wɔde ne fi nnwinne aba w’anim, na wo ne w’aberɛmpɔn, wo yerenom ne wo mpenafo anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere, dade, dua ne abo anyame a wonhu na wɔnte na wonnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no de, woanni no ni.


wɔnonnom nsa na wɔkamfoo sika ne dwetɛ ne kɔbere ne dade ne dua ne ɔbo anyame no.


Na ɔno de, onnim sɛ me na memaa no awi ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔe, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.


Ɛno na wotwam sɛ mframa, na wɔsen kɔ, na wokodi so; wɔn ahoɔden yi ara ne wɔn nyame.


Nanso muhura ho, sɛ moka se: Awurade pon no, wɔakum ho, na ɛso ade, n’aduan no nso, yɛ ade a wotumi bu no animtiaa.


Na bere a wɔbɛka se: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnne mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan.


Na nna no mu a ɔhene bi nni Israel no, Lewini bi wɔ hɔ a wakɔsoɛ hɔho Efraim bepɔw asase no so akyirikyiri baabi, na ɔwaree ɔbea bi fii Betlehem Yuda.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan