Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 5:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Nsa no baa ani so no, Belsasar kae sɛ: Wɔmfa sika ne dwetɛ nnwinne a n’agya Nebukadnesar akɔfa afi asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu no mmra, na ɔhene ne n’aberɛmpɔn ne ne yerenom ne ne mpenafo nnom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Bere a nsa no ama Belsasar ani agye no, ɔhyɛe sɛ, wɔmfa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa a nʼagya Nebukadnessar tase fii Yerusalem asɔredan mu no mmra, sɛnea ɔne ne mpanyimfo, ne yerenom ne ne mpenanom bɛnom mu nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Nsa no baa n’ani soɔ no, Belsasar kaa sɛ wɔmfa sika nnwinneɛ a n’agya Nebukadnessar akɔfa afiri asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu no mmra, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne ne yerenom ne ne mpenafoɔ nnom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛberɛ a nsã no ama Belsasar ani agye no, ɔhyɛɛ sɛ, wɔmfa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa a nʼagya Nebukadnessar tase firii Yerusalem asɔredan mu no mmra, sɛdeɛ ɔne ne mpanimfoɔ, ne yerenom ne ne mpenafoɔ bɛnom mu nsã.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 5:2
23 Iomraidhean Croise  

Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na w’agya Yonatan nti mɛyɛ wo adɔe na madan w’agya Saul asase nyinaa mama wo na woadidi me pon so daa yi.


Na ɔkɔfaa AWURADE fi akorade nyinaa ne ahemfi akorade fii hɔ kɔe, na otwitwaa sika nneɛma a Israel hene Solomon yɛe AWURADE aban mu no ho sika, sɛnea AWURADE kae no.


na nso kukuwa ne nkora no, nea ɛyɛ sika no sika, ne nea ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ, na ankɔbeahene no fa kɔe.


Na ɛno akyi no, ɔwaree Absalom ba Maaka, na ɔwoo Abigya ne Atai ne Sisa ne Selomit maa no.


Na Maaka a ɔyɛ ɔhene Asa ne na nso, otuu no fii ɔhemmeadi so, efisɛ ɔyɛɛ ohoni bi maa Asera; na Asa twaa ne honi no, bubuu no dukuduku kɔhyewee Kidron subon mu.


Na ɔfefɛw bere wɔ afe no mu dui no, ɔhene Nebukadnesar soma bɛfaa no kɔɔ Babel, na AWURADE fi agyapade no nso ɔsoaa ne nyinaa kɔe, na ɔde ne nua Sedekia sii Yuda ne Yerusalem so hene.


Na Onyankopɔn fi nneɛma no nyinaa, akɛse ne nketewa ne AWURADE fi akorade ne ɔhene no ne ne mmapɔmma akorade, ɔde ne nyinaa kɔɔ Babel.


Na Onyankopɔn fi sika ne dwetɛ nnwinne a Nebukadnesar fae fii asɔredan a ɛwɔ Yerusalem mu de kɔɔ Babel asɔredan no mu nso, ɔhene Kores fa de fii hɔ, na ɔde hyɛɛ obi a wɔfrɛ no Sesbasar a ɔhyɛɛ no amrado no nsa,


Na amanaman nyinaa bɛsom no ne ne ba ne ne ba ba ara akosi sɛ ɔno nso n’asase bere bedu, na amanaman bebree ne ahene akɛse ama wasom bi.


Afoa wɔ Kaldeafo so, AWURADE asɛm ni, ne Babelfo so ne wɔn mmapɔmma ne wɔn anyansafo so.


na nyaawa ne nso kukuwa ne nkora ne nseaa ne kanea nnua ne nsankawa ne nkuruwa no, nea ɛyɛ sika no sika ne nea ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ, ankɔbeahene no fa kɔe.


Na AWURADE de Yuda hene Yehoiakim ne Onyankopɔn fi nneɛma no bi hyɛɛ ne nsa, na ɔsoa de kɔɔ Sinar asase so de kɔɔ nyame fi, na ɔde nnwinne no kɔɔ ne nyame adekoradan mu.


Ɔbarima bi wɔ w’ahenni mu a anyame kronkron honhom wɔ no mu, na w’agya bere so no, wohuu no mu anitew ne nimdeɛ ne nyansa sɛ anyame nyansa, na w’agya, ɔhene Nebukadnesar, de no sii kurukyerɛwfo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo so panyin, w’agya ɔhene no ara,


Ɛnna wɔde Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Wone Daniel a wufi Yuda atukɔfo a m’agya ɔhene de wɔn fii Yuda bae no mu no?


Ao, ɔhene, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahenni ne kɛseyɛ ne nidi ne anuonyam maa w’agya Nebukadnesar,


na woama wo ho so ahyɛ ɔsoro wura, na wɔde ne fi nnwinne aba w’anim, na wo ne w’aberɛmpɔn, wo yerenom ne wo mpenafo anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere, dade, dua ne abo anyame a wonhu na wɔnte na wonnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no de, woanni no ni.


Ɛnna wɔde sika nnwinne a wɔkɔfa fii Onyankopɔn asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem no mu no bae, na ɔhene ne n’aberɛmpɔn, ne yerenom ne ne mpenafo no nom mu;


Anadwo no ara na wokum Kaldeafo hene Belsasar.


wɔnonnom nsa na wɔkamfoo sika ne dwetɛ ne kɔbere ne dade ne dua ne ɔbo anyame no.


N'ayɛyɛde ne: dwetɛ asanka biako a ano si nnwetɛbona ɔha aduasa; dwetɛkora biako, nnwetɛbona aduɔsɔn, sɛnea kronkronbea dwetɛbona te; n'abien no, asikresam a wɔde ngo afɔtɔw de rekɔyɛ aduan afɔre ayeyɛ no maama;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan