Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 5:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Ɔhene Belsasar tow n’aberɛmpɔn apem ponkɛse, na ɔnom nsa, wɔ wɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mfe bebree akyi no, Ɔhene Belsasar too pon kɛse maa ne mpanyimfo apem, na ɔne wɔn nom nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Ɔhene Belsasar too n’aberempɔn a wɔyɛ nnipa apem ɛpono kɛseɛ, na wɔnomm nsa, wɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mfeɛ bebree akyi no, Ɔhene Belsasar too ɛpono kɛseɛ maa ne mpanimfoɔ apem, na ɔne wɔn nom nsã.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 5:1
11 Iomraidhean Croise  

Na da a ɛto so abiɛsa a ɛyɛ Farao awoda no, ɔtow ne nkoa nyinaa pon, na oyii nsahyɛfo so panyin ne abodootofo so panyin no de wɔn baa ne nkoa anim;


n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, ɔtow ne mmapɔmma nyinaa ne ne nkoa pon, a Persia ne Media dɔm so atumfo ne mmakoma ne amantam no so asafohene wɔ n’anim.


Na ɛda no, AWURADE, asafo AWURADE, frɛɛ nnipa baa osu ne adwotwa ne tikwawbɔ ne atweaatamfura mu,


Na asafo AWURADE ayi me asitiw sɛ: Wɔremfa amumɔyɛ yi mfiri mo kosi bere a mubewuwu: AWURADE, asafo AWURADE, na ose.


Afoa wɔ Kaldeafo so, AWURADE asɛm ni, ne Babelfo so ne wɔn mmapɔmma ne wɔn anyansafo so.


Sɛ wɔn ho yɛ wɔn hyew a, mɛtow wɔn nsapon, na mama wɔabobow na wɔn ho asɛpɛw wɔn, na wɔada daa nna, na wɔannyan, AWURADE asɛm ni.


Na mɛma ne mmapɔmma ne n’anyansafo ne n’amradofo ne ne man mpanyimfo ne ne nnɔmmarima abobow, na wɔadeda daa nna a wɔrennyan, ɔhene a ne din de asafo AWURADE no asɛm ni.


Anadwo no ara na wokum Kaldeafo hene Belsasar.


Na sɛ wɔtoatoam sɛ nguare mpo, na wɔn mmorosa abobow mo nso a, wɔbɛhyew koraa sɛ sakran guanguan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan