Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Beltesasar, kurukyerɛwfo panyin, sɛ minim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu na ahintasɛm biara nyɛ wo den nti, ka me dae mu adehu a mihui ne ne nkyerɛase kyerɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Meka kyerɛɛ no se, Beltesasar, nkonyaayifo panyin, minim sɛ, anyame kronkron no honhom wɔ wo mu, ɛno nti, ɛnyɛ wo den sɛ wobɛkyerɛ ahintasɛm biara ase. Afei, me dae no ni, kyerɛ me ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Beltesasar, nkonyaayifoɔ panin, sɛ menim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu na ahuntasɛm biara nyɛ wo den nti, ka me daeɛ mu adehunu a mehunuiɛ ne ne nkyerɛaseɛ kyerɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Meka kyerɛɛ no sɛ, “Beltesasar, nkonyaayifoɔ panin, menim sɛ, anyame kronkron no sunsum wɔ wo mu, ɛno enti, ɛnnyɛ wo den sɛ wobɛkyerɛ ahintasɛm biara ase. Afei, me daeɛ no ni, kyerɛ me aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:9
18 Iomraidhean Croise  

Na Farao ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Yebetumi anya onipa bi a ɔte sɛ oyi a Onyankopɔn honhom wɔ ne mu yi anaa?


Wo koma bedwen ahude no ho: Ɔkanfo no wɔ he? Ɔkarifo no wɔ he? Nea ɔkan abantenten no wɔ he?


Trenee mu na w’ase betim; wo ne nhyɛso ntam bɛpan, na worensuro, na wo ne ahude nso ntam bɛpan, na ɛremmɛn wo.


Israel bepɔw sorɔnsorɔn so na medua, na ebeyiyi abaa asow aba, na ayɛ kyeneduru kunini, na nnomaa nyinaa, ntakraboa nyinaa abesisi ase; n’abaa nwini mu na wobesisi,


hwɛ, woyɛ onyansafo sen Daniel, ahintasɛm biara ankyɛn wo,


Na nyansa ne nhumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, ohuu wɔn sɛ wɔkyɛn akurukyerɛwfo ne pɛadeahufo a wɔwɔ n’ahenni nyinaa mu nyinaa mpɛn du.


Ɔhene buaa Daniel sɛ: Ampa ara, mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyame ne ahene wura ne nea oyi ahintasɛm adi, sɛ woatumi ayi saa ahintasɛm yi adi yi.


Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛse, na ɔmaa no ayɛyɛde akɛse bebree, na ɔma odii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafo nyinaa so mpanyimfo mu titiriw.


Ɔdae yi na me, ɔhene Nebukadnesar, mihui; na afei wo, Beltesasar, ka ne nkyerɛase, efisɛ m’ahenni mu anyansafo nyinaa ntumi nkyerɛ me ase, na wo de, esiane sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu nti, wubetumi.


na mesoo ɔdae bi a eyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehu haw me.


Na akyiri no, Daniel a wɔfrɛ no Beltesasar, sɛ me nyame no din te no, na anyame kronkron honhom wɔ ne mu no baa m’anim, na mekaa ɔdae no mekyerɛɛ no:


Ɔbarima bi wɔ w’ahenni mu a anyame kronkron honhom wɔ no mu, na w’agya bere so no, wohuu no mu anitew ne nimdeɛ ne nyansa sɛ anyame nyansa, na w’agya, ɔhene Nebukadnesar, de no sii kurukyerɛwfo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo so panyin, w’agya ɔhene no ara,


Buei, yennue! Hena na obeyi yɛn afi anyame atumfo yi nsam? Eyinom ne anyame a wɔde ɔhaw ahorow haw Misraimfo wɔ sare so no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan