Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na akyiri no, Daniel a wɔfrɛ no Beltesasar, sɛ me nyame no din te no, na anyame kronkron honhom wɔ ne mu no baa m’anim, na mekaa ɔdae no mekyerɛɛ no:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Akyiri no, Daniel (a wɔtoo no din Beltesasar, a ɛyɛ me nyame din, efisɛ, na anyame kronkron no honhom wɔ ne mu) baa mʼanim, na mekaa dae no kyerɛɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na akyire yi no, Daniel a wɔfrɛ no Beltesasar, sɛ me nyame no din teɛ no, na anyame kronkron honhom wɔ ne mu no baa m’anim, na meyii daeɛ no kyerɛɛ no:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Akyire yi, Daniel (a yɛtoo no din Beltesasar, a ɛyɛ me nyame din, ɛfiri sɛ, na anyame kronkron no sunsum wɔ ne mu) baa mʼanim, na mekaa daeɛ no kyerɛɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:8
14 Iomraidhean Croise  

Na Farao ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Yebetumi anya onipa bi a ɔte sɛ oyi a Onyankopɔn honhom wɔ ne mu yi anaa?


Bel butuw, Nebo kotow; mmoa ne anantwi soso wɔn ahoni; wɔakyekye nea moso yi asoasoa mmoa a wɔrebrɛ.


Ɛnna ne man kaee Mose tete nna no sɛ: Ɛhe na nea oyii wɔn ne ne nguankuw ahwɛfo no fii po mu no wɔ? Ɛhe na nea ɔde ne kronkronyɛ honhom sii wɔn mu no wɔ?


Monka amanaman mu, momma wɔnte na munsi frankaa, momma wɔnte, na munnsiw so, monka sɛ: Wɔafa Babel, wɔakum Bel aniwu, wɔayɛ Merodak pasaa, wɔakum n’ahoni aniwu, wɔayɛ n’abosom pasaa.


Israel bepɔw sorɔnsorɔn so na medua, na ebeyiyi abaa asow aba, na ayɛ kyeneduru kunini, na nnomaa nyinaa, ntakraboa nyinaa abesisi ase; n’abaa nwini mu na wobesisi,


na apiafohene no totoo wɔn din: Ɔtoo Daniel, Beltesasar, na ɔtoo Hanania, Sadrak, na ɔtoo Misael, Mesak, na ɔtoo Asaria, Abednego.


Na asɛm a ɔhene bisa yi yɛ den dodo, na obi bi nni hɔ a obetumi akyerɛ ɔhene anim, gye anyame a wɔnte adasamma mu no.


Ɔhene bua ka kyerɛɛ Daniel a ne din de Beltesasar sɛ: So wubetumi akyerɛ me ɔdae a mesoe no ne ne nkyerɛase?


Nebukadnesar bua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So ɛyɛ mo ɔboayɛ, Sadrak, Mesak ne Abednego, sɛ monsom m’anyame, na monsɔre sika honi a mede masi hɔ no?


Ɔdae yi na me, ɔhene Nebukadnesar, mihui; na afei wo, Beltesasar, ka ne nkyerɛase, efisɛ m’ahenni mu anyansafo nyinaa ntumi nkyerɛ me ase, na wo de, esiane sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu nti, wubetumi.


Beltesasar, kurukyerɛwfo panyin, sɛ minim sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu na ahintasɛm biara nyɛ wo den nti, ka me dae mu adehu a mihui ne ne nkyerɛase kyerɛ me.


Na mate wo nka sɛ anyame honhom wɔ wo mu, na wɔahu wo mu anitew ne nimdeɛ ne nyansa a ɛkyɛn so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan