Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Ɛnna kurukyerɛwfo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo bae, na mekaa ɔdae no mekyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Bere a nkonyaayifo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo no bae no, mekaa dae no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Ɛnna nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, Kaldeafoɔ ne nyankonnekyerɛfoɔ baeɛ, na meyii daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛberɛ a nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ no baeɛ no, mekaa daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:7
16 Iomraidhean Croise  

Na mmɛtem ntraantraa no memmenee mmɛtem ason a eye no. Na maka makyerɛ nkonyaayifo no, nso obiara antumi ankyerɛ me ase.


Na anɔpa no ne ho hiahiaa no, na ɔsoma kɔfrɛfrɛɛ Misraim kyerɛwfo nyinaa ne ɛhɔ anyansafo nyinaa, na Farao kaa ne dae no kyerɛɛ wɔn, nanso obiara antumi ankyerɛ Farao dae no ase.


Mahu ɔbɔnefo a odi tumi, na ɔdennan sɛ dua frɔmm a anya asiye,


nea ɔma adebisafo nsɛnkyerɛnne yɛ ɔkwa, na ɔma nkɔmhyɛfo bobɔ adam; nea ɔma anyansafo san nkyirinkyiri, na ɔdan wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm;


Hwɛ, Asaria yɛ Lebanon so kyeneduru, n’abaa fɛfɛ, n’ahaban kusuu a ɛma onwini, na ɛkorɔn sorɔnsorɔn a ne ntɛntɛnoa wɔ amununkum ntam.


mmerantewa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani atew, nyansa nyinaa mu, na wonim de na wɔwɔ nhumu, na wobetumi agyina ɔhene aban mu, na ɔnkyerɛ wɔn mma wonsua Kaldeafo nhoma ne kasa.


Kaldeafo no buaa ɔhene no sɛ: Onipa bi nni asase so a obetumi akyerɛ ɔhene asɛm yi, na ɔhenkɛse ne owura ne otumfo biara mmisaa okurukyerɛwfo ne pɛadeahuni ne Kaldeani biara hɔ asɛm a ɛte sɛɛ pɛn.


Daniel buaa ɔhene sɛ: Ahintasɛm a ɔhene bisa no, anyansafo, pɛadeahufo, akurukyerɛwfo, nyankonnekyerɛfo rentumi nkyerɛ ɔhene;


Wobuae bio sɛ: Ma ɔhene nka ɔdae no nkyerɛ ne nkoa, na yɛnkyerɛ ase.


Ne saa nti bere no ara mu Kaldeafo bi bae bɛtotoo Yudafo no ano;


Ɔdae yi na me, ɔhene Nebukadnesar, mihui; na afei wo, Beltesasar, ka ne nkyerɛase, efisɛ m’ahenni mu anyansafo nyinaa ntumi nkyerɛ me ase, na wo de, esiane sɛ anyame kronkron honhom wɔ wo mu nti, wubetumi.


Ɔhene no teɛɛm dennen sɛ wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo mmra; ɔhene no ka kyerɛɛ Babel anyansafo no sɛ: Obiara a ɔbɛkan kyerɛw yi na wakyerɛ me ase no, wobefura no ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika kɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni yi mu tumi.


Ɛnna ɔhene anyansafo nyinaa bae, nanso wɔantumi ankan kyerɛw no ankyerɛ ɔhene ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan