Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Daniel 4:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Enti mehyɛɛ mmara sɛ wɔmfa Babel anyansafo mmra m’anim, na wɔmmɛkyerɛ me ɔdae no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛno nti, mehyɛ ma wɔfrɛɛ anyansafo a wɔwɔ Babilonia nyinaa sɛ wɔmmɛkyerɛ me dae no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Enti mehyɛɛ mmara sɛ wɔmfa Babel anyansafoɔ mmra m’anim, na wɔmmɛkyerɛ me daeɛ no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛno enti, mehyɛ ma wɔfrɛɛ anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa sɛ wɔmmɛkyerɛ me daeɛ no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Daniel 4:6
10 Iomraidhean Croise  

Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafo ne ntafowayifo bae. Na wɔn Misraim akɔmfo no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara.


Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Mummisa asamanfrɛfo ne asumanfo a wɔde nnomaa su ne asutu kasa no a, so ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wobisa ne hɔ ade? So awufo hɔ na wommisa ade mma ateasefo?


Na mmerantewa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nhoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne anitew, na Daniel nyaa anisoadehu ne adae nyinaa mu nhumu.


Ɛnna ɔhene kae sɛ wɔnkɔfrɛ akurukyerɛwfo ne pɛadeahufo ne ntafowayifo ne Kaldeafo mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene dae no ase. Na wɔbae begyinaa ɔhene anim.


Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛse, na ɔmaa no ayɛyɛde akɛse bebree, na ɔma odii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafo nyinaa so mpanyimfo mu titiriw.


Nanso munnyaw ne dunsin asase mu, dade ne kɔbere mpokyerɛ mu, petee so wura mu, na ɔsoro bosu mfɔw no, na ɔne mmoa nni asase so ahaban;


Ɔbarima bi wɔ w’ahenni mu a anyame kronkron honhom wɔ no mu, na w’agya bere so no, wohuu no mu anitew ne nimdeɛ ne nyansa sɛ anyame nyansa, na w’agya, ɔhene Nebukadnesar, de no sii kurukyerɛwfo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo so panyin, w’agya ɔhene no ara,


Ɔhene no teɛɛm dennen sɛ wɔmfa pɛadeahufo, Kaldeafo ne nyankonnekyerɛfo mmra; ɔhene no ka kyerɛɛ Babel anyansafo no sɛ: Obiara a ɔbɛkan kyerɛw yi na wakyerɛ me ase no, wobefura no ɔtankɔkɔɔ, na wɔde sika kɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu, na wayɛ nea ɔto so abiɛsa adi ahenni yi mu tumi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan